Esra 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Kores gya Israel kwan

1 2 Be 36.22-23; Yer 25.11; 29.10 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:

2 Yes 44.28; 45.1 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.

3Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.

4Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.

5Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.

6Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa.

7Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,

8Esra 2.2, 63; 5.14 ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.

9Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron,

10sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem.

11Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help