2 Ahemfo 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hesekia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 29.1-2; 31.1)

1 2 Ah 16.20 Na Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Yudahene Ahas ba Hesekia bɛdii hene.

22 Be 29.1-2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abi a ɔyɛ Sakaria babaa.

32 Ah 20.3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa.

42 Be 31.1; 2 Ah 15.35; Num 21.8-9 Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan.

52 Ah 23.25 AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ, na n’akyiri no, obiara amma sɛ ɔno Yuda ahemfo nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.

6Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.

7Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.

8Ɔno na ɔkunkumm Filistifoɔ kɔduruu Gasa ne ɛho asase so, de firi awɛmfoɔ abantenten so kɔsii kuro a afasuo atwa ho ahyia no so.

9 2 Ah 17.3-6 Na ɛbaa sɛ, Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiriahene Salmaneser foro baa Samaria so bɛkaa no hyɛɛ mu,

10na mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no wɔfae. Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛne Israelhene Hosea afe a ɛtɔ so nkron no mu na wɔfaa Samaria.

11Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,

12ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.

Asiriafoɔ bɔ Yerusalem nterɛnnee(2 Berɛsosɛm 32.1-19; Yesaia 36.1-22)

13 2 Be 32.1-19; Yes 36 Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu na Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfaeɛ.

142 Ah 18.7 Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.

152 Ah 16.8 Na Hesekia de dwetɛ a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa mae.

16Ɛberɛ no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apono ne adum ho sika a Yudahene Hesekia de duraduraa ho no, na ɔde maa Asiriahene.

17Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.

18Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne ɔsɛnkaefoɔ Asaf ba Yoa firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn.

19Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛseɛ no, Asiria hene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi?

20Wosusu sɛ anosɛm nko yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ a enti wote me so atua yi?

21Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

22Eks 20.24; Deut 12.14 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?

23Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.

24Na nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woadane me wura nkoa nketewa mu safohene baako ani?

25Afei, mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

26Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa, na yɛn deɛ, yɛte, na ɛne yɛn nnkasa Yuda kasa nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no aso mu.

27Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?

28Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm:

29Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri ne nsam,

30nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ na AWURADE bɛgye yɛn, na wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa.

311 Ah 4.25 Monntie Hesekia, na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn, na monni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsuo

32nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.

33Yes 10.10-11 Amanaman anyame no mu bi agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn?

34Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? Wɔagye Samaria me nsam?

35Nsase no so anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn nsase afiri me nsam, na AWURADE bɛgye Yerusalem afiri me nsam anaa?

36Na ɔman no muaa wɔn ano, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛɛ sɛ: Mommmua no!

37Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help