1 Berɛsosɛm NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUBerɛsosɛm anaa Kronika nwoma ahodoɔ mmienu no yɛ deɛ ɛka nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Samuel nwoma ne Ahemfo Nwoma no mu, wɔ ɔkwan foforɔ so. Botaeɛ ahodoɔ mmienu na ɛda adie wɔ Israel ahennie ho abakɔsɛm wɔ Berɛsosɛm Nwoma mu:1. Ɔtwerɛfoɔ no pɛ sɛ ɔde yei kyerɛ sɛ amaneɛ a ɛtoo Israel ne Yuda ahemman no nyinaa akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so ara dii ne bɔ a ɔhyɛɛ ɔman no so. Ɔnam nnipa a na wɔte Yuda man no mu no so na ɔyɛɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma ne manfoɔ no. Ɔtwerɛfoɔ no gyidie fapem ne sɛ, deɛ Dawid ne Salomo tumi yɛeɛ, nsakyeraeɛ a Yehosafat, Hesekia ne Yosia de baeɛ, ne nnipa a wɔdii Onyankopɔn nokorɛ no so na ɛka yei.2. Ɛkyerɛ sɛdeɛ ɛyɛe a ɔsom a wɔsomm wɔ Onyankopɔn Asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, ne titire ne sɛ wɔyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ som no ho nhyehyɛɛ ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom ho adwuma. Ɔkyerɛ sɛ ɛwom sɛ Salomo na ɔsii Asɔrefie no deɛ, nanso Dawid ne Asɔrefie no fapem pɔtee na ɔno ara na ɔyɛɛ Asɔrefie som no ho nhyehyɛɛ.EMU NSƐMAgyanom din nnidisoɔ 1.1—9.44Saulo wuo 10.1-14Dawid ahennie 11.1—29.301. Ne haw ne deɛ ɔtumi yɛeɛ 11.1—22.12. Asɔrefie no sie ho ahoboaboa 22.2—29.30
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help