1Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka
2na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.
3Mat 11.2 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.
4Lew 18.16 Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no.
5Mat 21.26 Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.
6Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.
7Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.
8Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!
9Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.
10Na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.
11Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.
12Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsiee, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.
Nnipa mpemnum aduanema(Marko 6.31-44; Luka 9.10-17; Yohane 6.1-13)13Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.
14Mat 9.36 Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.
15Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni!
16Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnhia sɛ wɔkorɔ, mo ara momma wɔn biribi nni!
17Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.
18Ɛnna ɔse: Momfa mmrɛ me ha!
19Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.
202 Ah 4.44 Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.
21Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nka ho.
Yesu kɔbɔ mpaeɛ bepɔ so(Marko 6.45-56; Yohane 6.15-21)22Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, nni kan ntwa nkɔ asuogya nohoa, na ɔnnya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan ansa.
23Luk 6.12; 9.18 Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ.
24Na kodoɔ no aduru ɛpo no mfimfini, na asorɔkyeɛ reha no, ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn.
Yesu nante po ani25Na ahemadakye nnɔnmmiɛnsa rekɔ no, Yesu nam po so baa wɔn nkyɛn.
26Luk 24.37 Na asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam po no soɔ no, wɔn akoma tuiɛ, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teateaa mu.
27Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!
28Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani!
29Na ɔse: Bra! Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
30Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me!
31Mat 8.26 Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?
32Na wɔduruu kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ.
33Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!
Genesaret ayaresa34Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so.
35Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu no no, wɔsoma maa wɔkɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa brɛɛ no,
36Mat 9.21; Luk 6.19 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.