1 Dwom 147.1 Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase
na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,
2sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa
ne wo nokorɛdie anadwo,
3 Dwom 33.2 sankuhan du ne bɛnta so,
sankuo ho adwempa dwom mu.
4Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho,
wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie.
5 Dwom 104.24; Yes 55.9 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa,
w’adwene mu dɔ pii.
6Ogyimifoɔ nnim,
na ɔkwasea nhunu yei mu.
7 Dwom 37.2 Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan
na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a,
ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.
8 Dwom 97.9 Nanso wo AWURADE deɛ, wo korɔn daa.
9Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE,
w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe,
na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.
10 Dwom 23.5 Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ,
wode ngo foforɔ gu me so.
11 Dwom 91.8 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so,
na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.
12 Dwom 52.8 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ,
ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.
13 Dwom 84.2 Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no
bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.
14 Dwom 1.3 Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ,
wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara
15 Deut 32.4 de akyerɛ sɛ AWURADE tene,
ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
