Mika NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUOdiyifoɔ Mika yɛ Yesaia berɛ soni a ɔfiri Yuda man mu wɔ Ahenman anafoɔ. Na ɔgye tomm sɛ Yuda rebɛhyia ɔsɛeɛ a Amos kaa ho asɛm kyerɛɛ Ɔmantififoɔ no bi na ɛnam saa botaeɛ korɔ yi so nti Onyankopɔn bɛtwe nkurɔfoɔ no ntɛnkyea ne ɔtan a ɛwɔ wɔn mu no aso. Nanso Mika asɛnka no mu no, yɛhu nsɛnkyerɛnneɛ pefee sɛ anidasoɔ wɔ hɔ daakye.Mmeaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ akenkansɛm no mu a ɛhia sɛ wɔhyɛ no nso ne mfonini a ɛkyerɛ wiase nyinaa asomdwoeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ (4.1-4). Ɔhempɔn a ɔfiri Dawid abusua mu a ɔde asomdwoeɛ bɛbrɛ ɔman no (5.2-5a) ne nkyekyɛmu baako (6.8) deɛ adiyifoɔ a wɔwɔ Israel no taa bɔ ne mua ka sɛ: Deɛ ɔhia firi yɛn nkyɛn nie: Sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ deɛ ɛtene, na daa yɛkyerɛ ɔdɔ, na yɛabrɛ yɛn ho ase ne yɛn Nyankopɔn adi nkutaho.EMU NSƐMIsrael ne Yuda atemmuo 1.1—3.12Wɔbɛma Yuda man so bio na asomdwoeɛ aba 4.1—5.15Kɔkɔbɔ ne Anidasoɔ ho asɛnka 6.1—7.20