Yesaia 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Deɛ wɔasra no no awoɔ, ne ne din ahodoɔ ne n’ahennie

1 Mat 4.12-16 Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam.

2 Luk 1.79 Ɔman a na wɔnam sum mu no,

ahunu hann kɛseɛ,

wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no,

hann ahyerɛn wɔn so.

3Woama ɔman no adɔre,

woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ,

wɔn ani gye w’anim

sɛ twaberɛ mu anigyeɛ,

sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.

4 Ate 7.22 Na wɔn adesoa dua

ne wɔn akyiri abaa

ne wɔn kafoɔpoma no,

woabubu mu sɛ Midian da no.

5Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa

ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no,

wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.

6 Yes 7.14; 22.22; Mika 5.2; Luk 2.7, 11; Yes 10.21 Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin;

na n’ahennie bɛda ne mmatiri so,

na wɔafrɛ ne din sɛ:

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.

7 Yes 11; Dwom 72.3-4; 2 Sa 7.12-13; Luk 1.32 Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ

a ɛnni awieeɛ aba,

Dawid ahennwa so ne n’ahennie so,

na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa.

Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.

Israel ho atemmuo

8AWURADE de asɛm bi akra Yakob,

na ɛbɛtɔ Israel so,

9na ɔman mu no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne Samariafoɔ

a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:

10Ntayaa adan abubu,

nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto;

wɔabubu akyee,

na yɛde ntweneduro bɛsi ananmu.

11Na AWURADE bɛma Resin ahohiahiafoɔ so atia no,

na wahwanyan n’atamfo:

12 Yes 9.17; 5.25 Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ,

na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel.

Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

13Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn,

na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.

14 Yes 10.33 Enti AWURADE bɛtwa Israel mu etire ne dua,

papa ne mmɛwa da koro.

15Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no,

na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.

16Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom

na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

17 Yes 9.21 Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ,

na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho;

na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu,

na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

18Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya,

ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,

na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu

ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro.

19Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti

na asase no ahye tumm,

na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya;

obi nkora ne nua.

20Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara,

na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee,

wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.

21 Yes 10.4 Manase we Efraim, na Efraim we Manase,

na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help