1 Hes 26; 27 Tiro ho atemmusɛm.
O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo,
ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio,
obi nkɔ hɔ bio!
Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.
2Mo mpoanofoɔ, monyɛ komm!
Sidon adwadifoɔ
a wɔtwa po no yɛɛ wo ma;
3na wɔfaa nsuo bebree so
de Sihor nnɔbaeɛ,
ne Nil ano ayuo bae,
na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.
4Sidon, ma w’ani nwu:
Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ:
Menkyemm na menwoo mma da,
na menyɛnee mmeranteɛ
na mentetee mmabaa.
5Misraim te asɛm no ara pɛ,
ɛbɛdi Tiro asɛm no ho yea kɛse.
6Montwa nkɔ Tarsis,
mo mpoanofoɔ, montwa adwo.
7Yei ne mo ahurisidie kuro
a ɛfiri tete nteredee no,
a ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri
kɔtenaa hɔ no anaa?
8 Adi 18.23 Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi
tiaa Tiro, abotiremafoɔ no
a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko,
na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?
9Asafo AWURADE abɔ ne tirim,
sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi,
na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.
10 Hiob 12.18, 21 O Tarsis babaa,
yiri w’asase so sɛ Nil;
nkyekyeremu biara nni hɔ bio.
11Watene ne nsa akyerɛ po so,
wawoso ahennie ahodoɔ,
AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ
wɔnsɛe n’abankɛseɛ.
12 Hes 28.21 Na waka sɛ:
Worenkɔ so nni ahurisie bio,
O Sidon babaa
a wɔabɔ wo adapaa.
Kipro na sɔre twam korɔ,
ɛhɔ nso worennya ɔhome.
13Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.
14Mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo,
na wɔasɛe mo aban.
15Na da no ɛbɛba sɛ werɛ bɛfiri Tiro mfeɛ aduɔson a ɛte sɛ ɔhene baako berɛ, mfirinhyia aduɔson no akyiri no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ odwamamfoɔ no dwom no:
16Fa sankuo,
kyini kuro mu,
odwamamfoɔ a werɛ afiri woɔ,
bɔ sankuo yie,
na to nnwom pii,
deɛ ɛbɛyɛ na wɔakae woɔ.
17Na ɛbɛba sɛ, mfeɛ aduɔson no akyiri no, AWURADE bɛba abɛsra Tiro bio, na wasane anya n’apaadeɛ, na ɔne asase so ahennie nyinaa akɔbɔ adwaman bio.
18Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
