Deuteronomium 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mose asɛnka

1Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

2ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan.

3Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;

4Num 21.21-35 kum a wɔkum Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi;

5Yordan agya, Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ:

6AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: Moatena bepɔ yi ho akyɛre dodo,

7Num 10.11-12 monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.

8Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.

9 Eks 18.18; Num 11.14 Na meka mekyerɛɛ mo berɛ no mu sɛ: Me nko ara mentumi menkura mo;

10Deut 10.22; Gye 15.5 AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;

11AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

12Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?

13Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.

14Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ.

15Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.

16Lew 19.15 Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam.

17Deut 16.19; Eks 21.6 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.

18Na mehyɛɛ mo nnoɔma a monyɛ no nyinaa ho mmara berɛ no mu.

19 Num 20.1 Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.

20Na mesee mo sɛ: Moaduru Amorifoɔ bepɔ a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho.

21Deut 9.23 Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu.

22Num 13.2 Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.

23Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dummienu, mmusuakuo biara mu nipa baako.

24Na wɔdanee wɔn ani foroo bepɔ no, na wɔkɔduruu Eskol subonhwa mu, na wɔsraeɛ.

25Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.

26 Num 14 Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua,

27na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ: Ɔtane so na AWURADE yii yɛn firii Misraim asase soɔ, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn.

28Deut 9.1-2 Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.

29Na mesee mo sɛ: Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.

30Eks 14.14, 25; Yos 10.14 AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,

31Deut 8.5; Eks 19.4 ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.

32Na yei mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni,

33Eks 13.21 nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.

34Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuiɛ, na ɔkaa ntam sɛ:

35Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhunu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo nananom no!

36Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.

37Num 20.12 Me nso, mo nti AWURADE faa me ho abufuo kaa sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ bi.

38Num 34.17 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim no, ɔno na ɔbɛduru hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapadeɛ no ama Israel.

39Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.

40Na mo deɛ, monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so.

41Ɛnna mobua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akodeɛ miamiaeɛ no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔ no forɔ yɛ agorɔ.

42Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na menni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfoɔ anim.

43Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no.

44Na Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no firi bɛhyiaa mo na wɔtaa mo sɛdeɛ nwowa yɛ, na wɔkunkum mo Seir kɔduruu Horma.

45Na mosane bɛsuu AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo.

46Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help