2 Berɛsosɛm 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yoas nneyɛɛ pa

1 2 Ah 12 Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa.

3Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

4Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE fie no foforɔ.

5Na ɔboaboaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri adi nkɔ Yuda nkuro so, na monkɔgyegye dwetɛ mfiri Israel nyinaa nsam, na wɔde apempam mo Nyankopɔn fie no daa afe; na mo deɛ, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifoɔ no ho anyɛ hare.

6Eks 30.12-13 Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no?

72 Be 22.3-4 Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim.

8Na ɔhene no ka maa wɔpamm adaka baako, na wɔde sii AWURADE fie pono ano wɔ adihɔ,

92 Be 24.6 na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE.

10Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyee. Na wɔde ba bɛguu adaka no mu ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma.

11Na berɛ biara a Lewifoɔ no bɛhunu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu no, wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ soɔ no; ɔhene twerɛfoɔ ne deɛ ɔsɔfo panin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ soɔ no ba bɛhwie firi adaka no mu, na wɔma so sane de kɔsi ne sibea. Saa na na wɔyɛ no da biara, na wɔboaboaa sika bebree ano.

12Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, na wɔde bobɔɔ aboɔpaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fie no foforɔ, ne dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ adwumfoɔ nso, sɛ wɔmmiamia AWURADE fie no mu.

13Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na pempam adwuma no kɔɔ so wɔn nsam, na wɔde Nyankopɔn fie no sii hɔ maa no yɛɛ yie na ɛyɛɛ den.

14Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.

15Na Yehoiada bɔɔ akora, na wanyini pa ara no, ɔwui. Na ɔwuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduasa.

16Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho.

Yoas wae firi Nyankopɔn ho

17Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn.

18Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.

19Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie.

20Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.

21Mat 23.35; Heb 11.37 Na wɔpam ne tiri so, na wɔkɔsii no aboɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no AWURADE fie abannwa so.

22Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.

Yoas asotwe ne ne wuo

23Na afe no awieeɛ no, Siriafoɔ dɔm tu baa ne so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa firii ɔman no mu, na wɔn asadeɛ no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene.

24Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.

252 Be 21.20 Na wɔfirii ne so sii mu kɔeɛ, na wɔgyaa no apirakuro bebree mu, na ne nkoa pamm ne tiri so, Ɔsɔfoɔ Yehoiada mma no mogya nti, na wɔkɔkumm no ne mpa so, na ɔwui. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso wɔansie no ahemfo no asieeɛ.

26Na wɔn a wɔpamm ne tiri soɔ no nie: Sabad, Amonni baa Simeat ba ne Yehosabad, Moabni baa Simrit ba.

27Na ne mma no ne ɛtoɔ dodoɔ a wɔgyee no no, ne Nyankopɔn fie asiesie no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma Nkyerɛaseɛ no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help