Sirak 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Obiara a ɔsuro Awurade no bɛyɛ yei,

na obiara a ɔkura mmara no bɛnya nyansa.

2Nyansa bɛhyia no sɛ ɛna,

na ɔbɛma no akwaaba sɛ ayeforɔ kumaa.

3Ɔde nteaseɛ aduane bɛyɛne no,

na wama no nyansa nsuo anom.

4Ɔbɛtwere no na wante anhwe,

na ɔde ne ho bɛto ne so na n’anim rengu ase.

5Ɔbɛma ne so akyɛn ne mfɛfoɔ,

na ɔbɛbue n’anom wɔ badwa mu.

6Ɔbɛnya anigyeɛ ne ahurisie,

na ɔbɛnya edin a ɛmpepa da.

7Ɔkwasea nsa renka no,

na nnebɔneyɛfoɔ renhu no.

8Ɔne ahantan ntam kwan ware,

na atorofoɔ remfa ne ho adwene da.

9Ayeyie mfata ɔdebɔneyɛni ano,

ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Awurade nkyɛn na ɛfiri baeɛ.

10Na ɛsɛ sɛ nyansa mu na ayeyie firi,

na Awurade bɛma no ayɛ prɔmprɔm.

Ɔpɛ ho ahofadie

11Mma ɛnka sɛ: Ɛyɛ Awurade na ama mafiri ɔkwan pa no mu;

ɛfiri sɛ ɔnyɛ adeɛ a ɔkyire.

12Mma nka sɛ: Ɔno na wayɛ ama mayera;

ɛfiri sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ ho nhia no.

13Awurade kyiri akyiwadeɛ nyinaa;

wɔn a wɔsuro no no mpɛ saa nnoɔma.

14Ɔno na mfitiaseɛ no, ɔbɔɔ nnipa,

na ɔgyaa wɔn sɛ wɔtumi yɛ deɛ wɔpɛ.

15Sɛ wopɛ a, wotumi di mmara no so,

na sɛ woredi nokorɛ wɔ w’adeyɛ mu no yɛ adeɛ a ɛfiri wo pɛ mu.

16Ɔde ogya ne nsuo asi w’anim;

tene wo nsa fa emu deɛ wopɛ biara.

17Nkwa ne owuo wɔ onipa biara anim,

na deɛ obi pɛ no, ne nsa ka.

18Na Awurade nyansa yɛ kɛseɛ;

ɔyɛ kɛseɛ wɔ tumi mu, na ɔhu ade nyinaa;

19N’ani wɔ wɔn a wɔsuro no no ho,

na ɔnim nnipa nneyɛɛ nyinaa.

20Ɔnhyɛɛ obiara sɛ ɔnyɛ amumuyɛ,

na ɔmmaa obiara kwan sɛ ɔnyɛ bɔne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help