Sakaria 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔman no ahofadie ne ne nhyira

1Mommisa AWURADE hɔ

osuo bereamporɔberɛ mu!

AWURADE ma asraman paepae,

na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn,

na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

2 Mat 9.36 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm,

na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm

na wɔyii daeɛ hunu,

wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ.

Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan,

wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ.

3 Sak 11.5 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn,

na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso.

Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie,

na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

4 Yer 30.21 Ɔno mu na ntweaso tiboɔ

ne mpɛɛwa

ne akodie tadua bɛfiri aba,

ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba.

5Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima

a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu,

na wɔbɛdi ako;

ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ,

na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.

6Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro,

na magye Yosef fie nkwa,

na mama wɔatena ase;

na me yam ahyehye me ama wɔn,

na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ,

na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn,

na mɛgye wɔn so.

7Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,

na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam,

na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye,

na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.

8Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano;

na magye wɔn,

na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

9 Yes 66.19 Na mɛdua wɔn aman no mu,

na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so,

na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba.

10Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba,

na mɛboa wɔn ano afiri Asiria,

na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so,

na wɔrennya kwan mpo mma wɔn.

11 Eks 14.16; Yes 11.15 Na ɔbɛfa ahohiahia po no mu,

na wabobɔ ɛpo mu asorɔkyeɛ,

na Asuo Nil mu mmonhwa nyinaa awewe.

Na Asiria ahantan no bɛbrɛ ase,

na Misraim poma bɛfiri akɔ.

12Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu,

na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help