1Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ,
mma m’anim nngu ase da biara da.
Fa wo tenenee so gye me,
2 Dwom 18.2 yɛ aso ma me,
yɛ ntɛm gye me.
Yɛ me dwanekɔhyɛbea botan
ne srɔnsrɔn so aban sɛ wɔbɛgye me nkwa.
3 Dwom 23.3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn,
na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.
4 Dwom 25.15 Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu,
na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.
5 Luk 23.46 Wo nsam na mede me honhom mehyɛ,
AWURADE, nokorɛ Nyankopɔn, woagye me.
6Metane wɔn a wɔdi atorɔ ahuhudeɛ akyire,
na me deɛ, mebata AWURADE ho.
7Mɛdi ahurisie, na m’ani agye w’adɔeɛ ho,
sɛ woahwɛ m’amanehunu,
na woahunu me kra ahohia.
8 Dwom 18.36 Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa,
wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.
9 Dwom 6.7 AWURADE, hu me mmɔbɔ,
na me ho dwan me.
Awerɛhoɔ ama m’ani ne me kra ne me honam atwintwam.
10Na me nkwa ahwere yea mu,
na me mfeɛ ahwere ahomeguo mu.
M’amumuyɛ nti m’ahoɔden so ahwan,
na me nnompe ahodwo.
11 Dwom 69.10-12 M’ahohiahiafoɔ nyinaa nti mayɛ ɔhohorafoɔ,
na mayɛ me ho tefoɔ so duru,
na m’amannifoɔ suro me,
wɔn a mefiri adi a wɔhu me dwane me.
12Nnipa werɛ afiri me sɛ owufoɔ,
mayɛ sɛ adeɛ a wɔto twene.
13 Yer 20.10; 46.5 Na mete nnipa bebree nsekudie,
ahudeɛ atwa me ho ahyia,
sɛdeɛ me ho agyina a wɔakorɔ no mu
wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra.
14Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ.
Mese: Wone me Nyankopɔn.
15 Dwom 139.16 Wo nsam na me mmerɛ wɔ,
gye me m’atamfoɔ ne m’ataafoɔ nsam.
16 Num 6.25; Dwom 80.3 Te w’anim kyerɛ w’akoa,
fa w’adɔeɛ so gye me nkwa.
17AWURADE mma m’anim nngu ase,
na mesu mefrɛ wo.
Ma abɔnefoɔ anim ngu ase,
na wɔntotɔre mum Asamando.
18Ma atorofoɔ ano mmua,
wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den
ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.
19Wo papa a wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no
sɛdeɛ asi so fa!
Ɛno na woyi kyerɛ wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ no, nnipa anim.
20 Dwom 27.5 Wode w’anim bɔ wɔn ho ban
de wɔn hunta firi nnipa a wɔabɔ kyenku anim,
wode wɔn sie ɔsese mu
firi tɛkyerɛma birebire ho.
21 Dwom 17.7 Nhyira ne AWURADE
sɛ wama n’adɔeɛ ayɛ nwanwa ama me,
kuro a ahohiahia wɔ.
22 Dwom 116.11 Nso me deɛ, mekaa no m’ahoyera mu sɛ:
Wɔatwa me afiri w’ani so.
Nanso mesu mefrɛɛ woɔ no,
wotee me nkotosrɛ.
23Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa.
AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so,
na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.
24 Dwom 27.14 Monhyɛ mo ho den na monsi mo bo,
mo a motwɛn AWURADE nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.