1 Timoteo 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Agyidifoɔ ho asodie

1 bi wɔ akunafoɔ a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma no nnyɛ asafo no adesoa, na asafo no ahwɛ wɔn a wɔyɛ akunafoɔ ampa no.

17 Rom 12.8 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.

18Deut 25.4; 1 Ko 9.9; Luk 10.7 Na atwerɛ no se: Nantwie a ɔpore ayuo no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no.

19Deut 19.15; 2 Ko 13.1 Ntie asafo mu panin ho kwaadubɔ, gye adansefoɔ baanu anaa baasa anomu.

20Gal 2.14 Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.

Adesrɛ ne afotuo

21Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so.

221 Ti 4.14 Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn.

23Nnom nsuo nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛ a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi!

24Nnipa binom bɔne da adi pefee de wɔn kɔ atemmuo mu, na ebinom deɛ nso di wɔn akyi.

25Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ anyɛ saa mpo a, ɛnhunta.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help