Asomafoɔ 26 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim

1Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:

2Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho,

3ne titire no, wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyesɛm a ɛwɔ Yudafoɔ mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.

4M’asetena a ɛfiri me mmɔfraase no deɛ, sɛdeɛ ɛfirii aseɛ na ɛteɛ me manfoɔ mu wɔ Yerusalem no, Yudafoɔ nyinaa nim.

5

19 Gal 1.16 Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,

20na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.

21 Aso 21.30-31 Yei nti na Yudafoɔ bɛkyeree me asɔrefie hwehwɛɛ sɛ wɔku me.

22Luk 24.44-47 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:

231 Ko 15.20 Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no.

Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni

24Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.

25Na ɔse: Memmɔɔ dam, Onimuonyamfoɔ Festo, na meka nokorɛ ne anidahɔ nsɛm.

26Yoh 18.20 Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.

27Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ di anaa? Menim sɛ wogye di.

28Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode ɛberɛ kakraa bi ma me dane bɛyɛ Okristoni anaa?

29Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

30Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔreeɛ,

31na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribi a ɛsɛ wuo anaa ɛkyerɛ.

32Aso 25.11 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdane Kaesare a, anka wɔbɛtumi agyaa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help