1 Mat 5.48 Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,
2Efe 5.25; Gal 2.20; Heb 10.10 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.
Bɔne a ɛsi kwan3 Kol 3.5 Na adwamammɔ ne efi adeyɛe nyinaa anaa anibereɛ deɛ, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ.
4Efe 4.29 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.
51 Ko 6.9-10 Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.
Nkontabuo6Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.
7Enti mo ne wɔn nnni twaka.
Esum ne hann8 Efe 2.11; 2.13; 1 Pe 2.9; Luk 16.8; Yoh 12.36 Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,
9ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu,
10Efe 5.17; Rom 12.2 na monsɔ deɛ ɛsɔ Awurade ani yie no nhwɛ.
11Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!
12Rom 1.24 Ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunta yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.
13Yoh 3.20-21 Na nnoɔma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; ɛfiri sɛ deɛ wɔyi adi nyinaa yɛ hann.
14Yes 60.1; Rom 13.11 Enti na ɔse:
Wo a woada, nyane,
na sɔre firi awufoɔ mu,
na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.
Asetena pa ho afotuo15 Mat 10.16; Kol 4.5 Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ.
16Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.
17Efe 5.10 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.
18Luk 21.34 Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.
19Kol 3.16; Dwom 33.2-3 Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,
20monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,
211 Pe 5.5 mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu.
Ɛyerenom22 Gye 3.16; Kol 3.18; 1 Pe 3.1 Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade,
231 Ko 11.3 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.
24Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.
Okununom25 Kol 3.19 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,
26Tito 3.5 sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,
27Dwom 45.13; 2 Ko 11.2 na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.
28Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho.
29Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛne no, na ɔhwɛ so yie, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.
30Efe 1.23; 1 Ko 6.15; Gye 2.23 Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.
31Gye 2.24 Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ.
32Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho.
33Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.