Hesekiel 39 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔsɛe Gog asraafoɔ

1 Hes 38.2 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

2Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;

3na mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afiri wo nsa nifa mu atotɔ.

4Hes 39.17 Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.

5Mpaperɛ so na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

6Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsuano aman mu dwoodwoo no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

7Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.

8Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no.

9 Dwom 46.9 Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;

10na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

11Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.

12Na Israel fie bɛsie wɔn sɛ wɔde redwira asase no abosome nson.

13Na asase no so aman no nyinaa bɛsie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a mɛnya animuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

14Na wɔbɛyiyi mmarima ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no soɔ no de adwira ho; abosome nson akyiri no, wɔbɛtwee ahwehwɛ sɛ funu bi nni hɔ bio.

15Na anantefoɔ no kyini asase no so, na wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ de akɔsi sɛ asiefoɔ no bɛba abɛsie no, Gog asafo yuu bonhwa no mu.

16(Na kuro Hamona bi nso wɔ hɔ). Sei na wɔbɛdwira asase no.

17 Adi 19.17-18 Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.

18Nnɔmmarima nam na mobɛdie, na asase so aberempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nnwanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan ayɛmmoa ara nko.

19Na mobɛdi sradeɛ amee, na moanom mogya abo, me kum afɔdeɛ a mekum maa mo no mu,

20na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

21Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu na wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ;

22na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ,

23Yes 54.8 na amanaman bɛhunu sɛ Israel fie amumuyɛ nti na wɔtuu wɔn kɔeɛ; ɛsiane sɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na meyii m’ani huntaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano.

24Wɔn fi ne wɔn mmaratodeɛ so na me ne wɔn diiɛ, na meyii m’ani huntaa wɔn.

25 Hes 16.53-63 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,

26na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa, berɛ a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obiara nni hɔ a ɔyi wɔn hu no,

27berɛ a makɔfa wɔn afiri aman mu asane aba, na makɔboaboa wɔn ano afiri wɔn atamfoɔ nsase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no.

28Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ memaa wɔtuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn baa wɔn asase so bio, na mannya wɔn mu biara wɔ hɔ bio.

29Hes 36.26-27; Yes 44.3 Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help