Rut NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUƐwom Rut ho nsɛm yɛ asomdwoeɛ nsɛm deɛ, nanso ɛsii wɔ berɛ bɔne wɔ Akannifoɔ nwoma no mu. Rut a ɔyɛ Moabni baa no waree Israelni. Okunu no wuiɛ no, Rut yii ɔdɔ sononko bi adi kyerɛɛ n’ase baa a ɔyɛ Israelni no na afei ahofama a emu dɔ kyerɛɛ Israel Nyankopɔn. Awieeɛ no, ɔnyaa ekunu foforɔ wɔ ne kunu dada fiefoɔ abusuafoɔ mu, na ɛnam saa awadeɛ yi maa Rut bɛyɛɛ Israel ahemfo mu titire Dawid nana.Abasɛm a ɛwɔ Atemmufoɔ mu kyerɛ amanehunu a ɛbaeɛ berɛ a Onyankopɔn nkurɔfoɔ twee wɔn ho firii ne ho no. Rut nwoma mu no, yɛhu nhyira a ɛbaa ɔhɔhoɔ bi a ɔde ne ho maa Israel Nyankopɔn no so, na ɔbɛkaa ne nkurɔfoɔ mapa no ho.EMU NSƐMNaomi ne Rut sane ba Betlehem 1.1-22Rut hyia Boas 2.1—3.18Boas ware Rut 4.1-22
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help