1Due, atuateɛ kuro a wɔagu ho fi,
nhyɛsofoɔ kuro.
2Wantie AWURADE asɛm,
wannye nkyerɛkyerɛ,
wamfa ne ho anto AWURADE so,
wammɛn ne Nyankopɔn.
3 Hes 22.27 Emu mmapɔmma
yɛ agyata a wɔbobom,
n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku,
wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.
4 Mika 3.11 N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko,
n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho fi,
wɔdi mmara ho asɛmmɔne.
5AWURADE a ɔwɔ ne mu no yɛ ɔteneneeni,
ɔrenyɛ abusudeɛ;
daa n’atemmuo da adi pefee,
ɔnnyae da,
nanso okontonkyini deɛ, ɔnnim aniwuo.
6Matwitwa amanaman agu,
wɔn abantenten atifi adanedane afo,
mama wɔn mmorɔno so adeda mpan
a obiara ntwam soɔ,
wɔasɛesɛe wɔn nkuro
a onipa nni mu, na obiara nte mu.
7Mekaa sɛ: Suro me ara,
gye nkyerɛkyerɛ,
na wɔrentwa wo tenabea ntwene,
deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho;
nanso wotuaa nhema
sɛesɛee wo nneyɛeɛ nyinaa.
8 Yoel 3.2; Dwom 79.6 Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie,
nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ.
Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano
na mehyia ahennie aman,
na mahwie m’abohuro,
m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so;
na me ninkuntwe gya no mu
asase no nyinaa bɛhye.
9Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano
ayɛ no kronkron,
sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no,
na wɔnyɛ anokorɔ nsom no.
10 Dwom 68.31; Aso 8.27 Etiopia nsubɔntene agya
no ho na me nkurɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no
bɛfiri de m’aduane ayɛyɛdeɛ abrɛ me.
11Ɛda no mɛyi w’animguaseɛ nneyɛeɛ
a wode too me mmara no
nyinaa afiri hɔ,
na mɛyi wɔn a wɔdi ahantan mu ahurisie no afiri wo mu,
na worenkɔ so nkyerɛ wo ho,
me bepɔ kronkron no so.
12 Hes 6.8 Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ
aka wo mu,
na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.
13Israel nkaeɛ no
renyɛ akontonkyideɛ,
na wɔrenka atorosɛm,
na wɔrenhunu
nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu,
na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ,
na obiara renyi wɔn hu.
Nkwagyeɛ ho ayeyie14 Sak 9.9 To ahurisie dwom, Sion babaa;
bɔ ose, Israel,
ma w’ani nnye, na fa akoma nyinaa di ahurisie,
Yerusalem babaa.
15AWURADE ayi w’atemmudeɛ no kɔ,
wato w’atamfo agu;
AWURADE, Israel hene no wɔ wo mu,
worenhunu amane bio.
16Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:
Nsuro, Sion,
mma wo nsam nnhodwo.
17 Yes 62.5 AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no
yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ;
ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie,
ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ,
ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.
18Meboaboa mo ano na mo asane adi afahyɛ
a modi ho abooboo no bio,
na moansoa ɛho ahohora.
19 Mika 4.7 Hwɛ, me ne w’ahafoɔ nyinaa bɛdi,
ɛberɛ no mu,
na mɛgye asiiɛfoɔ no,
na matase wɔn a wɔapam wɔn no;
mɛma wɔanya animuonyam ne din wɔ
asase a wɔnanim agu ase nyinaa so.
20 Yer 29.14; Sef 2.7 Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba,
na ɛberɛ no na mɛboa mo ano.
Na mɛma mo animuonyam ne din
wɔ asase aman nyinaa so,
ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no,
mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.