1 Berɛsosɛm 29 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɛtoɔ kɛseɛ a wɔyi ma asɔrefie no

1 1 Be 22.5 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.

2Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa.

3Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.

4Sika dwetikɛseɛ mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛseɛ mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasuo no ho,

5Eks 35.5 na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nnoɔma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nnoɔma, na wɔmfa nyɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, hwan na ɔyi ne yam ama, na wadwira ne ho ama AWURADE nnɛ?

6Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ,

7na wɔmaa Nyankopɔn fie som no ho sika dwetikɛseɛ mpemnum ne sika dare mpemdu ne dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu ne kɔbere mfrafraeɛ dwetikɛseɛ mpemdunwɔtwe ne dadeɛ dwetikɛseɛ mpemha.

8Eks 35.27 Na wɔn a wɔhunuu wɔn hɔ aboɔ no, de maa AWURADE fie akoradeɛ no, de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa.

Dawid aseda mpaebɔ

9Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse.

10Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.

11Adi 4.11; 5.13 Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.

122 Be 20.6 Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.

13Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ.

14Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.

15Dwom 39.12; Heb 11.13; Hiob 14.2 Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ.

16AWURADE yɛn Nyankopɔn, ade kuo yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebɛsi efie ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na ɛfire, na wo na ne nyinaa wɔ woɔ.

171 Be 28.9 Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.

18AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.

19Na me ba Salomo no, ma no akoma a ɛdi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanseɛ ne w’ahyɛdeɛ, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnsi ahemfie a masiesie ho asie no.

Wɔsra Salomo ngo

20Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.

21Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa.

221 Be 23.1 Na wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nomee, AWURADE anim da no.

Na wɔsii Dawid ba Salomo hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, na Sadok nso wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ.

231 Be 28.5; 1 Ah 1.35, 39 Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no.

24Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne Ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ Ɔhene Salomo ase.

252 Be 1.1 Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da.

Dawid wuo

26Saa na Yisai ba Dawid dii Israel nyinaa so hene.

271 Ah 2.11 Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa.

28Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.

291 Be 21.9 Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.

30Yeinom da n’ahennie ne ne mmaninyɛ nyinaa, ne deɛ ɛsii ne berɛ so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho, ne aman ahennie nyinaa ho adi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help