Nnwom 90 - Twer? Kronkron(ASWDC)

NWOMA A ƐTƆ SO NNAN(Nnwom 90—106)Daa Nyankopɔn ne yɛn dwanekɔbeaNyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.

1AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea,

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ

na wonnya nyii asase ne wiase adie no,

na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.

3 Skf 1.4; 12.7 Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose:

Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.

4 2 Pe 3.8 Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so

sɛ nnora da a ɛtwaa mu

ne anadwo mu dasuo.

5 Dwom 102.11; 103.15; Hiob 14.2; Yes 40.6-7 Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo,

wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,

6anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ,

anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam.

7Na yɛresa w’abufuo mu,

na yɛahye w’abufuhyeɛ no ano.

8Wode yɛn amumuyɛ asi w’anim,

wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.

9Na yɛn nna nyinaa atwam kɔ w’abufuo mu,

yɛahwere yɛn mfeɛ sɛ asomusɛm bi.

10 Skf 1.3, 8 Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson,

na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe,

na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ,

na ɛtwaa mu ntɛmso, na yɛtu kɔe.

11Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ,

ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ?

12 Dwom 39.4 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

13AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara?

Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ.

14Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema,

na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.

15Ma yɛn ho nsane yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu

ne mfeɛ a yɛhunuu mu bɔne no.

16Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,

na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.

17Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so,

na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn,

aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help