Yesaia 19 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Misraim ho atemmusɛm

1 Yer 46; Hes 29; 30 Misraim ho atemmusɛm.

Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so

reba Misraim,

na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim,

na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.

2Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim,

na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua,

adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.

3Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu,

na wɔn agyinatuo nso, mahwete,

na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ

ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ.

4Na mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfoɔ nsa,

na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so:

AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.

5Na Nil no mu nsuo bɛwe,

na asubɔnten no asa na awe,

6na nsubɔntene no suka mu awo,

na Misraim nsuka no atwe asa,

nnemmire ne nkyɛnkyɛmma bɛtwintwam.

7Nil ho bɛda mpan,

wɔ Nil nsunoa ho.

Wira a ɛfuo ne adeɛ a wɔadua no Nil ho nyinaa

bɛhye apete asɛe;

8na apofofoɔ no bɛsu atwa adwo,

na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa nyinaa

bɛdi abooboo,

na nsuo no ani asaugufoɔ ahodwo;

9na siwabire futuro asrɛnfoɔ ne

nweranwonfoɔ abasam bɛbu.

10Asase no adum bɛbubu

na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho.

11Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko,

Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm.

Adɛn na mose Farao sɛ:

Anyansafoɔ ba ne me,

tete ahemfo no ba?

12Ɛhe na afei w’anyansafoɔ no wɔ?

Ma wɔnyi nkyerɛ wo, na wɔnhunu

agyina a asafo AWURADE atu no Misraim soɔ.

13Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ,

wɔasisi Memfis asafohene nso,

na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ

adaadaa Misraim.

14 Yes 29.10; 1 Ah 22.22 AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu,

na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu,

sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no.

15 Yes 9.14 Na biribiara nni hɔ a etire anaa dua, papa anaa mmɛwa,

bɛtumi ayɛ ama Misraim.

Misraim, Asiria ne Israel yɛ baako

16Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti.

17Na Yuda asase ho bɛyɛ hu ama Misraim, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu no Misraim ho no nti.

18 Yes 65.16; Yer 12.16 Ɛda no, Misraim asase so nkuro nnum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; wɔbɛfrɛ baako sɛ: Owia kuro.

19Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE,

20na ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adanseɛ ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wɔsu frɛ AWURADE, ahafoɔ anim a, wasoma ɔgyefoɔ ne ɔsɛnnifoɔ aba wɔn nkyɛn abɛgye wɔn.

21Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.

22Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ.

23Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom.

24Ɛda no, Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa ayɛ nhyira, asase mfimfini,

25Rom 15.10 ɛsiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapadeɛ Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help