Kwadwom 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Adom ne mmoa ho adesrɛ

1AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ,

hwɛ na hunu yɛn ahohora!

2Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ,

yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ;

3yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka,

yɛn nanom te sɛ akunafoɔ.

4Nsuo a yɛnom, yɛtua ka,

yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn.

5Wɔkura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ,

yɛbrɛ, wɔmma yɛnnya ahomeyɛ.

6Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria,

na yɛanya aduane adi amee.

7 Eks 20.5; Yer 31.29; Hes 18.2 Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ,

na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ.

8Nkoa di yɛn so,

deɛ ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsa mu nni hɔ.

9Yɛn nkwa kurakura yɛn nsam,

na yɛkɔpɛ yɛn aduane wɔ ɛserɛ so, afena no anim.

10Yɛn wedeɛ ayɛ hyehyeehye sɛ fononoo,

ɛkɔm a ano yɛ hyeɛ no nti.

11Wɔabrɛ Sion mmaa, ne

Yuda nkuro mu mmabaa, ase.

12Wɔde wɔn nsa sensɛne mmapɔmma,

wɔnni mpanin ni.

13Wɔma mmeranteɛ yam ayuyammoɔ so,

na mmɔfra hwehwe ase nnyina ase.

14Mpanimfoɔ agyae kuro apono mu ba,

mmeranteɛ agyae wɔn sankubɔ.

15Yɛn akoma ahosan agyae,

yɛn asa adane abooboodie.

16 Yer 13.18 Yɛn abotire ayi atɔ fam.

Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.

17Yei nti, na yɛn akoma atɔ piti,

yeinom ho na yɛn ani so ayɛ kusuu.

18Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti,

ɛserɛ so kraman nenam so.

19Wo AWURADE, wote hɔ daa,

w’adwa tim hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

20 Dwom 13.1 Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa,

na woagya yɛn dadadada yi?

21AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane,

ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.

22Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa,

wo bo afu yɛn mmoroso?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help