Nnwom 71 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE, nnya me

1Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ,

m’anim rengu ase da biara da.

2Fa wo tenenee yi me, na gye me,

yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

3 Dwom 18.2; 31.2-3 Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa.

Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa,

na wone me botan ne me ho fasuo.

4Me Nyankopɔn, gye me firi ɔbɔnefoɔ nsam,

gye me omumuyɛfoɔ ne otirimuɔdenfoɔ nsam.

5Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ,

deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.

6 Dwom 22.10 Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ,

woyii me firii me na yam,

wo na mɛyi wo ayɛ daa.

7 Dwom 4.3 Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ,

na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.

8W’ayeyie ne w’anidie

bɛhyɛ m’anomu ma da mu nyinaa.

9 Dwom 71.18 Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ,

na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.

10Na m’atamfoɔ ka me ho asɛm,

na wɔn a wɔtɛ me kra bom tu agyina

11ka sɛ: Onyankopɔn apa no;

monti no nkye no,

na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.

12Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware,

me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera,

ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a

wɔpɛ me bɔne so.

14Na me deɛ, mɛtwɛn ara daa,

na mede bi maka w’ayeyie nyinaa ho.

15 Dwom 71.8; 40.5 M’ano bɛka wo tenenee,

ɛbɛka wo nkwagyeɛ da mu nyinaa

a mennim ano.

16Mede AWURADE Nyankopɔn ahoɔdenneɛ bɛba abɛkae wo tenenee

a ɛyɛ wo nkutoo dea no.

17 1 Sa 7.12 Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me,

na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.

18 Dwom 71.9; Yes 46.4 Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me,

kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma,

na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19 Eks 15.11 Na, Onyankopɔn,

wo tenenee kɔ sorosoro,

wo a woayɛ ade akɛseɛ,

Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

20 1 Sa 2.6 Wo a woma yɛhunu amaneɛ bebree a ɛyɛ ya,

wobɛma yɛanya nkwa bio,

na woatwe yɛn

afiri asase akunu mu asane aba.

21Wobɛma me kɛseyɛ adɔ,

na woadane w’ani akyekyere me werɛ.

22Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ,

me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ,

mede sankuten bɛto wo,

O Israel Hotefoɔ no, dwom.

23Meto ayeyie dwom ma wo a,

m’ano ne me kra

a woagye no no ho bɛsane no.

24Mede me tɛkyerɛma

nso bɛka wo tenenee ho asɛm daa,

ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu,

na wɔn anim agu ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help