Nnwom 100 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mommɔ ose mma AWURADEAseda dwom.

1Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE.

2Momfa anigyeɛ nsom AWURADE,

na momfa ahurisie dwom mmra n’anim.

3 Dwom 95.7 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn,

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na

yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.

4Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu,

na momfa ayeyie mmra n’abannwa so.

Monna no ase, monhyira ne din.

5 Dwom 106.1 Na AWURADE yɛ,

n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,

na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help