Nnwom 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tenaDawid dwom.

1 Dwom 84.4 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu?

Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?

2 Yes 33.15 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee,

na ɔka n’akomam nokorɛ.

3Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro,

na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,

na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

4Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia,

na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni,

ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

5 Eks 22.25 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho,

na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ.

Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help