1 Ahemfo 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid samanseɛ ne ne wuo

1Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ:

2Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;

3Deut 17.14-20; Yos 1.7; 23.6 na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.

4Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.

5 2 Sa 3.27; 20.10 Bio, wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab yɛɛ me, deɛ ɔyɛɛ Israel asahene baanu Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, sɛ ɔdii wɔn awuo na ɔkaa ɔsa mu mogya guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no.

6Gye 42.38 Enti di no nyansa so, na mma ne dwono mmfa asomdwoeɛ mu nnsiane nnkɔ Asamando.

72 Sa 17.27; 19.31-39 Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no.

82 Sa 16.5; 19.16-23 Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.

91 Ah 2.6; Dwom 101.4, 8 Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.

10 Aso 13.36 Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu.

112 Sa 5.4-5; 1 Be 29.27 Na nna a Dawid de dii Israel so hene yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na ɔdii hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.

12Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa.

Salomo nneyɛɛ bi

13Na Hagit ba Adoniya baa Salomo na Batseba nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Asomdwoeɛ mu na woreba yi? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu.

14Na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ɔse: Ka ɛ!

151 Ah 1.5-40 Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.

16Na afei adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

171 Ah 1.3; 2 Sa 3.7 Na ɔse: Mesrɛ wo, ka kyerɛ Ɔhene Salomo, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware.

18Na Batseba kaa sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo.

19Ɛnna Batseba baa Ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔde Adoniya dwantoa rebrɛ no. Na ɔhene sɔre kɔhyiaa no, na ɔbɔɔ ne mu ase maa no, na ɔtenaa n’adwa so; na wɔde adwa sii hɔ maa ɔhene na, na ɔtenaa ne nifa so.

20Na ɔkaa sɛ: Ade ketewa bi na merebɛbisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo.

21Na ɔse: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adoniya awareɛ.

221 Ah 1.6-7 Na Ɔhene Salomo bua see ne na sɛ: Na adɛn nti na wobisa Sunamni Abisag awareɛ ama Adoniya? Bisa ahennie no nso ma no, na ɔno ne me nua panin, na Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia ba Yoab nso wɔ n’afa.

23Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.

24Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m’agya Dawid adwa soɔ, na wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya.

25Na Ɔhene Salomo somaa Yoiada ba Benaia maa no kɔkumm no.

26 Yer 1.1; 1 Ah 1.7; 1 Sa 22.20; 30.7; 2 Sa 15.24 Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.

271 Sa 2.31-32 Saa na Salomo tuu Abiatar sɛ ɔnnni AWURADE sɔfoɔ bio, na ɔnam yei so maa AWURADE asɛm a ɔkaa Eli fie ho wɔ Silo no baa mu.

28 1 Ah 1.51 Na asɛm no duruu Yoab nkyɛn; na Yoab adane akɔdi Adoniya akyi, na Absalom akyiri deɛ, wannane ankɔdi; na Yoab dwane kɔɔ AWURADE ntomadan mu kɔsɔɔ afɔrebukyia mmɛn no mu.

29Eks 21.14 Na wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Salomo sɛ: Yoab adwane kɔ AWURADE ntomadan mu, na hwɛ, wakɔsɔ afɔrebukyia no ho mmɛn no mu. Na Salomo somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔku no.

30Na Benaia kɔɔ AWURADE ntomadan no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Firi adi! Na ɔse: Dabi, na ɛha na mɛwuo. Na Benaia sane bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ Yoab aka nie, na sɛdeɛ wabua me nie.

31Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na kɔku no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no ho afodie firi me ne m’agya fie so.

321 Ah 2.5 Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.

33Na wɔn mogya nsane mmɛbua Yoab atifi ne n’asefoɔ, atifi nkɔsi daa, na Dawid ne n’asefoɔ ne ne fie ne n’adwa nnya AWURADE nkyɛn asomdwoeɛ daa.

34Na Yoiada ba Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so.

351 Ah 4.4 Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.

36Na ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Simei bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem fa, na tena hɔ, na mfiri hɔ nkɔ baabiara,

37na da a wobɛfiri adie akɔtwa Kidron subonhwa no, hunu sɛ, wuo na wobɛwuo, na wo mogya bɛbua w’atifi.

38Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛyɛ; sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii.

39Na mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, Simei nkoa baanu dwane kɔɔ Gathene Maaka ba Akis nkyɛn. Na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.

40Na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumupɔnkɔ, na ɔsii mu kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔ kɔfaa ne nkoa no firii Gat bae.

41Na wɔbɛka kyerɛɛ Salomo sɛ: Simei afiri Yerusalem akɔ Gat, na wasane aba.

421 Ah 2.38 Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa Simei bae sɛ: Manka wo AWURADE ntam manni wo adanseɛ sɛ da a wobɛfiri adi akɔ baabiara no, hunu sɛ wuo na wobɛwuo? Na woka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ, mate.

43Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ woɔ no soɔ?

441 Ah 2.8 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wonim, w’akomam, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adane wo bɔne no agu w’atifi.

45Na nhyira bɛka Ɔhene Salomo, na Dawid adwa bɛtim AWURADE anim akɔsi daa.

462 Be 1.1 Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkumm no.

Na ahennie no tim Salomo nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help