1 Petro 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ofieahwɛfoɔ pa wɔ Onyankopɔn adom mu

1Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)

2na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.

3Efe 2.2-3; Tito 3.3 Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.

4Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka pɔtɔɔ no mu, na wɔka mo ho nsɛmmɔne.

52 Ti 4.1 Wɔn na wɔbɛyi ano akyerɛ deɛ wasiesie ne ho sɛ ɔrebɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.

61 Pe 3.19 Na yei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ honam mu, na wɔatena ase wɔ honhom mu sɛ Onyankopɔn.

7 1 Ko 10.11; 1 Yoh 2.18 Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.

8Mmb 10.12; Yak 5.20 Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.

9Heb 13.2 Monyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu.

10Sɛdeɛ mo nyinaa nyinyaa adom akyɛdeɛ no, momfa nsom mo ho mo ho sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ no ho fieahwɛfoɔ pa.

11Rom 12.7 Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.

Amaneɛ a Kristo nti wɔhunu

12 1 Pe 1.6-7 Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforɔ, te sɛ ade foforɔ bi na ɛreyɛ mo;

13Rom 8.17; Aso 5.41; Yak 1.2 na mmom, sɛdeɛ moayɛ Kristo amanehunu no fafafoɔ no, momma mo ani nnye, na sɛ wɔyi n’animuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.

141 Pe 2.20 Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.

15Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu.

16Flp 1.20 Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu.

17 Hes 9.6; Yer 25.29 Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?

18Mmb 11.31; Luk 23.31 Na

sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa tenenee a,

ɛhe na deɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfoɔ bɛgyina?

19 Dwom 31.5 Enti nso wɔn a wɔhunu amaneɛ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ, na wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help