Yohane 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nikodemo kɔsra Yesu

1

9Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yeinom ayɛ hɔ?

10Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?

11Yohane adansedie foforɔ

22 Yoh 4.1-2 Yeinom akyiri no, Yesu ne n’asuafoɔ no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu.

23Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.

24Mat 14.3 Na wɔnnya mfaa Yohane ntoo afiase.

25Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam.

26Yoh 1.26-34 Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.

27Heb 5.4 Yohane bua kaa sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa.

28Yoh 1.20; 1.23; 1.27 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim.

29Mat 22.2 Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.

30Ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔkɔ kan sene me, na me deɛ, medi akyire.

31 Yoh 8.23 Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa,

32Yoh 3.11 na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no.

33Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.

34Yoh 1.33-34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.

35Yoh 5.20; Mat 11.27 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.

36Yoh 3.18 Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help