Hesekiel 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 36.1; Mika 6.1 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

3na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

4Lew 26.30 na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim,

5na mede Israelfoɔ afunu magu wɔn abosom anim, na mabɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho ahyia.

6Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.

7Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

8 Yes 6.13 Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no.

9Deut 30.2 Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.

10Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.

11Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano.

12Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.

131 Ah 14.23 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.

14Hes 6.7 Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help