1 2 Be 3.1 Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no.
2Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no.
3Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ,
4ne ntweneduro nnua a ɛnni ano. Na Sidonfoɔ ne Tirofoɔ de ntweneduro nnua pii brɛɛ Dawid.
51 Be 29.1 Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.
6Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.
71 Be 17.1-14; 28.2-7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,
8na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛseɛ; nsi efie mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim.
9Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.
10Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.
11Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.
12Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.
131 Ah 2.2-3 Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.
141 Be 29.2 Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.
15Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ.
16Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.
17Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ, wɔmmoa ne ba Salomo na ɔse:
181 Be 22.9; 23.25 Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?
19Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.