1 Hiob 14.6 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ
na ne nna te sɛ ɔpaani nna?
2Sɛ akoa pere onwunu ho
ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,
3saa ara na wɔama madi abosome hunu,
na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.
4Sɛ mekɔda a, meka sɛ:
Da bɛn na mɛsɔreɛ na anadwo atwam akorɔ?
Ɔdafatwa fono me kɔsi ahemadakye.
5Me honam fira mmoaa ne dɔteɛ abon,
me wedeɛ ayɛ twann, na ɛrefiri nsuo.
6 Yes 38.12 Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,
na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.
7Kae sɛ me nkwa yɛ mframa,
m’ani rensane nhunu papa.
8Deɛ ɔhu me ani renhu me bio,
w’ani tua me, nso na menni hɔ.
9Sɛdeɛ mununkum sa na ɛkorɔ no,
saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Asamando no remforo mma bio.
10 Hiob 10.21; 14.10-12; 16.22; Dwom 103.16 Ɔrensane mma ne fie bio,
na ne tenabea renhu no bio.
11Enti me nso meremmua m’ano,
mɛkasa me honhom ahohiahia mu,
mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.
12Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn,
na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi?
13Sɛ mese: Me mpa bɛkyekyere me werɛ,
na me daberɛ bɛdwodwo m’apinisie no a,
14ɛnneɛ wode daeɛso hyɛ me yea,
na anisoadehunu mu na woma mebɔ binim.
15Na ɛma me kra yi menebɔ ne owuo mmom
sene me nnompe yi.
16 1 Ah 19.4 Afono me, merentena ase daa.
Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.
17 Hiob 14.1-5; Dwom 8.4 Ɔdasani ne hwan a wobu no ɔkɛseɛ,
na wodwene ne ho?
18Na wohwɛ no daa anɔpa,
na wotaa sɔ no hwɛ ara?
19Worenyi w’ani mfiri me so de rekɔsi da bɛn?
Wonnya me kwan na memmene me ntasuo mpo?
20Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ,
adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ
a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi?
21Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ,
na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ?
Na afei mɛda mfuturo mu,
na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
