1 Efe 4.22 Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu,
2Heb 5.12-13; Mat 18.3 na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu,
3Dwom 34.9 berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ.
4 Dwom 118.22 Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a,
5Efe 2.21-22; 1 Pe 2.9; Rom 12.1 mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.
6Yes 28.16 Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ:
Hwɛ, mede tweaso tiboɔ
a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion,
na deɛ ɔgye no die no ani renwu.
7 Mat 21.42 Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ,
ɔboɔ a abantofoɔ apa no
na ayɛ tweaso tiboɔ
8 Yes 8.14; Rom 9.33 ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn.
Wɔn na wɔsunti,
ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no.
Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.
9 Eks 19.6; Adi 1.6 Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.
10 Hos 2.23; Rom 9.25 Mo a kane no monyɛ ɔman,
na afei moayɛ Nyankopɔn man,
mo a monnyaa mmɔborɔhunu,
na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu.
Montena ase sɛ Onyankopɔn nkoa11 Dwom 39.12; Yak 4.1 Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,
12Mat 5.16 na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.
13 Rom 13.1-7; Tito 3.1 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumidie nyinaa, Awurade nti: Ɔhene a ɔyɛ pumpuni oo,
14amradofoɔ a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfoɔ asotwe ne papayɛfoɔ ayeyie ho oo.
151 Pe 3.16 Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,
16Gal 5.13 sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadie no ayɛ bɔnepɛ so nkatasoɔ, na mmom sɛ Nyankopɔn nkoa.
17Rom 12.10; Mmb 24.21; Mat 22.21 Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni!
Kristo amanehunu nhwɛsoɔ18 Efe 6.5; Tito 2.9 Nkoa, momfa suro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ na wɔdwoɔ nko, na wɔn a wɔhyɛ mo soɔ no nso bi.
19Na yei yɛ animuonyam, sɛ Nyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhoɔ hunu amane a ɛnfata no, nanso ɔgyina hɔ pintinn.
201 Pe 3.14; 3.17; 4.13-14; Mat 5.10 Na ɛyɛ animuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na moto mo bo ase gyeɛ? Na mmom sɛ moyɛ papa, na mohunu amane, na moto mo bo ase a, yei na ɛyɛ animuonyam, Nyankopɔn anim.
21 Mat 16.24 Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.
22 Yes 53.9; Yoh 8.46; 2 Ko 5.21 Ɔno na wanyɛ bɔne,
nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.
23Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.
241 Yoh 3.5; Rom 6.11 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.
25Yes 53.6; Hes 34.5; Yoh 10.12; 1 Pe 5.4 Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.