1 Timoteo 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1 Kol 1.27 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,

2Tito 1.4 de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

Timoteo adwuma titire wɔ Efeso

3 Aso 20.1 Sɛdeɛ merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ wɔnnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ,

41 Ti 4.7 nso wɔnntie anansesɛm ne anatoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sene Nyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidie mu no.

5 Rom 13.10; Gal 5.6 Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.

61 Ti 6.4; 6.20 Ɛno na ebinom atere ho adane kɔ nsɛnhuhuo mu

7Rom 7.12 pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfoɔ, nanso wɔnte deɛ wɔka ne deɛ wɔhyɛ mu den no aseɛ.

8Na yɛnim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛteɛ a, ɛyɛ.

9Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔteneneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyankopɔn ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔn ho nteɛ na wɔn ho agu fi, wɔn a wɔkum wɔn agya ne wɔn na, nnipakumfoɔ,

101 Ti 6.3 adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,

111 Ti 6.15 sɛdeɛ nhyira Nyankopɔn animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no teɛ no.

Adom a wɔyi kyerɛ Paulo

12 Aso 9.15; 1 Ko 15.9-10; Gal 1.13-16 Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu.

13Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.

14Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.

15 Luk 19.10 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.

16Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.

17 Rom 16.27 Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!

Ɔtu Timoteo fo

18 1 Ti 6.12; Yuda 3 Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛdeɛ adiyisɛm a wɔkaa no wo ho kane no teɛ no, sɛ fa so ko ɔko pa no,

191 Ti 3.9; 6.10 na nya gyidie ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidie ho no.

202 Ti 2.18; 1 Ko 5.5 Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help