Yudit 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbaa nya akokoɔduro na mmɔ hu wɔ w’akoma mu, ɛfiri sɛ menyɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Nebukadnessar, asase nyinaa so hene no bɔne da.

2Na seesei ara mpo, sɛ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkokoɔ aman no mu amfa m’anim antwitwi fam a, ɛnneɛ anka mantwe me pea antia wɔn. Wɔn ara na wɔatwetwe yeinom nyinaa ama wɔn ho.

3Na afei ka kyerɛ me deɛ nti a woadwane afiri wɔn mu na woaba yɛn nkyɛn ha yi. Na sɛdeɛ ɛte biara, biribiara renyɛ wo. Nya akokoɔduro! Wobɛtena ase anadwo yi ne nna a ɛdi akyire nyinaa.

4Obiara mpira wo. Na mmom wɔn nyinaa ne wo bɛdi no yie, sɛdeɛ wode yɛ me wura Nebukadnessar asomfoɔ no.

Yudit kyerɛ sɛnti a ɔwɔ hɔ

5Na Yudit buaa no sɛ: Gye w’afenaa asɛm to mu, na ma w’abaawa nkasa wɔ w’anim, na merentwa atorɔ biribiara ho nkyerɛ me wura anadwo yi.

6Na sɛ wodi w’afenaa asɛm so a, ɛnneɛ Onyankopɔn nam wo so bɛdi dwuma bi, na ɛmma sɛ me wura nsa renka ne botaeɛ.

7Yer 27.6; Dan 2.38 Na sɛ Nebukadnessar, asase nyinaa so hene te aseɛ yi, ne deɛ ɔwɔ tumi a wasoma wo sɛ kyerɛ akra nyinaa kwan no; ɛnyɛ nnipa nko na wo nti wɔsom no, na mmom nwira mu mmoa ne anantwie ne ewiem nnomaa bɛtena ase, ɛsiane wo tumi a ɛhyɛ Nebukadnessar ne ne fie aseɛ no nti.

8Na yɛate wo nyansa ne wo mmɔdemmɔ nka, na wɔka no wiase nyinaa mu sɛ wo nkutoo ne onipa papa wɔ ahennie no nyinaa mu, deɛ ɔnim de ne deɛ ne ho yɛ nwanwa wɔ akodie mu.

9Afei ɛfa Akior asɛm a ɔkaeɛ wɔ wo badwam no deɛ, yɛatie ne nsɛm no, na nnipa a wɔwɔ Betulia no de ne ho kyɛɛ no, na ɔkaa nsɛm a na waka akyerɛ wo no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

10Yei nti, me wura ne me panin, mmu nsɛm a ɔkaeɛ no nsɛnhunu, na mmom fa sie w’adwene mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ nokorɛ. Ampa ara, wɔrentumi ntwe yɛn man aso, anaasɛ, nkrantɛ ntumi nni yɛn so gye sɛ wɔyɛ bɔne tia wɔn Nyankopɔn.

11Na afei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔnni me wura so nkonim na ne botaeɛ nyɛ kwa no, owuo bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ bɔne adi wɔn so a ɛnam so ahyɛ wɔn Nyankopɔn abufuo, berɛ a wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ no.

12Ɛnam sɛ wɔnya aduane nnie na aka kakra na wɔn nsuo asa nti, wɔayɛ nhyehyɛɛ sɛ wɔbɛkum wɔn anantwie, na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛdi deɛ Onyankopɔn mmara si wɔn kwan sɛ wɔnnie no nyinaa.

13Eks 23.19; Lew 27.30 Wɔasi agyinaeɛ sɛ wɔbɛdi aburoo aba a ɛdi kan ne nsa ne ngo so ntotosoɔ du du, a wɔayi asi hɔ ama asɔfoɔ a wɔsom Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem no — nnoɔma a mmara no mma ho kwan mma nnipa no mfa wɔn nsa nka mpo no.

14Na ɛsiane sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no reyɛ yei nti, wɔasoma abɔfoɔ akɔ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛsrɛ kwan afiri mpanimfoɔ badwa no hɔ.

15Sɛ wɔn nsa ka mmuaeɛ no na wɔyɛ saa pɛ a, ɛda no ara wɔde wɔn bɛhyɛ wo nsa na woasɛe wɔn.

16Saa nti, ɛberɛ a me, w’afenaa metee yeinom nyinaa no, medwane firii wɔn nkyɛn. Onyankopɔn asoma me sɛ mene wo mmɛdi dwuma bi a ɛbɛyɛ wiase nyinaa, nnipa dodoɔ a wɔbɛte nyinaa nwanwa.

17Nokorɛ nie, w’afenaa suro Onyankopɔn na ɔsom ɔsoro Nyankopɔn awia ne anadwo. Saa nti me wura, mɛtena wo nkyɛn ha ara; na mmom anadwo biara, w’afenaa bɛkɔ bɔnhwa no mu akɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ. Ɔbɛka akyerɛ me ɛberɛ a wɔayɛ bɔne no.

18Ɛno ansa na mɛba abɛka akyerɛ wo, na afei wo ne w’asraafoɔ nyinaa akɔ, na wɔn mu baako mpo rentumi nnyina w’anim.

19Ɛnna afei mɛdi w’anim afa Yudea, kɔsi sɛ wobɛduru Yerusalem; ɛhɔ na mede w’ahennwa bɛsie. Wobɛka wɔn sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ, na ɔkraman biara rentumi mmue n’ano mpo na wapɔ wo. Ɛfiri sɛ wɔaka yei akyerɛ me dada; wɔka kyerɛɛ me, na wɔsomaa me sɛ memmɛka nkyerɛ wo.

20Ne nsɛm no sɔɔ Holoferne ne n’asomfoɔ no nyinaa ani. Na ne nyansa a ɔwɔ no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ:

21Ɔbaa biara nni hɔ firi asase ano kɔsi asase ano a ne ho yɛ fɛ anaa ɔkasa nyansa mu sei!

22Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn ayɛ no yie sɛ ɔsomaa wo dii nkurɔfoɔ no anim, sɛ bɛhyɛ yɛn nsam den na fa ɔsɛeɛ mmra wɔn a wɔabu me wura animtia no so.

23Ɛnyɛ wo ho ara nko na ɛyɛ fɛ, na mmom wokasa nyansa mu. Sɛ woyɛ sɛdeɛ woaka no deɛ a, wo Nyankopɔn bɛyɛ me Nyankopɔn, na wobɛtena Ɔhene Nebukadnessar fie, na wɔbɛte wo nka wɔ wiase nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help