Ɔsɛnkafoɔ 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahodasoɔ ne Nyankopɔn anim ahobrɛaseɛ

1

10 Mmb 28.22 Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11Berɛ a nnepa redɔɔso no, na adifoɔ nso redɔɔso, na yiedie bɛn na ɛwom ma ɔdenadeɛnom no, sɛ hwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko?

12Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ.

13Bɔne bi a ɛyɛ ya wɔ hɔ a mahunu owia aseɛ, ɛne ahonyadeɛ a ɔdenadeɛnom kora ma wɔn ara mmusuo.

14Na ahonyadeɛ no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam.

15Hiob 1.21; Dwom 49.17 Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ.

16Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?

17Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.

Ɔpene

18 Skf 2.24; Mmb 15.15 Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.

19Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.

20Na ɔrenkae ne nkwa nna pii, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye ne so ama no n’akoma anigyeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help