1AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam,
bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho.
2Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne,
daa nyinaa wɔka ɔko.
3 Rom 3.13 Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ,
ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano.
4AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam,
bɔ me ho ban ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho,
na wɔabɔ wɔn tirim pɔ sɛ wɔbɛsum m’anammɔn atwene.
5Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me,
wɔasum me nsɛmma kwankyɛn,
wɔasum me apa.
6 Dwom 22.10 Mesee AWURADE sɛ: Wone me Nyankopɔn;
AWURADE, yɛ aso ma me nkotosrɛ nne.
7Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden,
wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu.
8AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ,
mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so.
9 Dwom 7.16 Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ,
ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.
10Ma nsramma ngu wɔn so,
ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu,
aku donkodonko mu a wɔrensɔre bio.
11Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so,
ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ.
12Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm,
ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.
13Ampa, teneneefoɔ bɛda wo din ase,
teefoɔ bɛtena w’anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
