1Na Hiob gyee so sɛ:
2O, sɛ anka wɔrekari m’awerɛhoɔ,
na wɔde me yea nso agu nsania mu susu ɛ!
3Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru,
enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi,
4 Dwom 38.2 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu,
me honhom renom emu borɔ,
Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.
5Ɔtorɔmo nya ɛserɛ mono a, ɔteateam?
Anaa ɔnantwie su n’aduane ho?
6Wɔdi aduane hunu a nkyene nni mu?
Ɛdɛ bi wɔ kosua mu fufuo mu?
7Adeɛ a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no,
ɛno ara na ayɛ me aduane a ɛyɛ me nwunu.
8O, sɛ anka merenya m’abisadeɛ,
na Onyankopɔn ama me m’anigyinadeɛ no ɛ!
9Sɛ Onyankopɔn pene na ɔpɛkyɛ me,
na ɔgya ne nsa kwan na ɛtwa me ɛ!
10Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekyerɛ ara na madi ahurisie,
ɛyea a ɛnni adɔna me soɔ no mu,
ɛfiri sɛ mensane Ɔkronkronni no nsɛm no!
11M’ahoɔden ne deɛn, sɛ mede bɛtɔ me bo aseɛ,
na m’awieeɛ ne deɛn, sɛ me kra bɛkyɛre ho?
12M’ahoɔden yɛ aboɔ ahoɔden,
me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ?
13Ɛnyɛ mmoa bi na ɛnni me mu,
na wɔatu ahoɔden afiri me ho?
14Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ;
anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.
15 Dwom 38.11 Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa,
sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ.
16Nsukyeneeɛ nti ani fono,
sukyerɛmma hyɛne mu hunta.
17Sɛ hyehyeɛ ka no a, ɛtwitwa,
ahuhuro mu ɛyera firi n’afa.
18N’akwantemfoɔ no kwan kontonkonton,
ɛdane huruhuro kɔ soro na ɛyera.
19 Gye 25.15; Hiob 1.15 Tema akwantemfoɔ asafo no hwɛe,
Seba anantefoɔ ani daa so,
20wɔn ani wuu sɛ wɔde wɔn ani too soɔ,
wɔkɔduruu ho, na wɔn anim guu ase.
21Na afei saa ara na mo nso moteɛ,
moahunu m’amanehunu yi, moannya tema biara amma me.
22Maka sɛ mommrɛ me biribi,
na me nti momfa mo adeɛ bi nkyɛ,
23na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam,
na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa?
24Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm,
na deɛ mafom wɔ mu no, momma menhunu.
25Sɛdeɛ atɛntenenee si yɛ den fa!
Na mo atɛnyie yi deɛ, animka bɛn na ɛwɔ mu?
26Nsɛm ho animka na modwene?
Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa.
27Awisiaa so mpo moretwe ntonto,
na mo yɔnko tiri nso moredi ano.
28Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me,
na merenni torɔ mo anim ha.
29Mompɛ mu bio ɛ, na mommmu ntɛnkyea;
na monsane mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.
30Deɛ ɛntene bi wɔ me tɛkyerɛma so,
anaasɛ me dodom nhunu abusudeɛ?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
