Deuteronomium 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔsatuo ho mmara

1Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho.

2Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfoɔ no mpinkyɛ mmɛkasa nkyerɛ ɔman no,

3na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,

4ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo.

5 Deut 16.18 Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano.

6Deut 28.30; Lew 19.24-25 Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.

7 Deut 24.5 Na onii ko a wagye ɔbaa bi awadeɛ na ɔnnya nhyiaa no no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ammfa no sɛ ɔyerɛ.

8Ate 7.3 Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ.

9Na sɛ ahwɛfoɔ no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti.

10 Num 21.21-22 Sɛ wobɛn kuro bi ne no rekɔko a, ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ no.

11Na sɛ ɔbua wo asomdwoeɛ so na ɔhini wo a, ɔman a wobɛhu wɔn hɔ no nyi toɔ mma wo nsom wo.

12Na sɛ wɔne wo anni asomdwoeɛsɛm na wɔne wo ko a, ɛnneɛ tua kuro no;

13Num 31.7, 17 na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrantɛ bobɔ emu mmarima nyinaa,

14nanso mmaa ne mmɔfra ne afieboa ne deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa, emu asadeɛ nyinaa deɛ, fom fa, na di w’atamfo asadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no.

15Saa na yɛ nkuro a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkuro bie no.

16Yos 10.40 Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,

17Deut 7.1-2 na sɛe wɔn pasapasa: Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no.

18Na wɔankyerɛ mo wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne.

19Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no?

20Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help