1 Makabee 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Aleksandro Epifanes atuateɛ

1Afe ɔha aduosia mu no, Antiokus ba Aleksandro Epifanes bɛduruu Ptolemais na ɔtenaa hɔ. Wɔyɛɛ no atuu, na ɔfiri aseɛ dii hene wɔ hɔ.

2Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius teeɛ no, ɔboaboaa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano na wɔkɔe sɛ wɔrekɔhyia no ne no ako.

3Demetrius de krataa a emu nsɛm yɛ asomdwoeɛ kɔbɔɔ Yonatan aba so;

4ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Momma yɛnni kan ne no nyɛ asomdwoeɛ apam ansa na ɔne Aleksandro ayɛ asomdwoeɛ apam atia yɛn,

5ɛfiri sɛ ɔbɛkae bɔne a yɛayɛ ɔne ne nuanom nyinaa ne ne man.

6Ɛno nti Demetrius maa no tumi sɛ ɔmfa nyiyi akofoɔ, na ɔmma wɔn akodeɛ mfa mmia, na wɔmmɛyɛ ne nnamfonom; na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnyae nnommumfoɔ a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa ma no.

7Afei Yonatan baa Yerusalem na ɔkenkanee krataa no maa ɔman no ne wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa teeɛ.

8Na ɛberɛ a wɔtee sɛ ɔhene ama no tumi sɛ ɔnyiyi akofoɔ no, ɛhu kɛseɛ bɔɔ wɔn.

9Nanso wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu no gyae nnommum no maa Yonatan, na ɔde wɔn kɔmaa wɔn awofoɔ.

10Na Yonatan tenaa Yerusalem na ɔfirii aseɛ sɛ ɔrekyekyere kuro no na wasiesie.

11Ɔhyɛɛ wɔn a wɔreyɛ adwuma no sɛ, wɔnto afasuo no na wɔmfa aboɔ a ɛyɛ ahinanan ntwa Bepɔ Sion ho nhyia, na ɛmmɔ ho ban yie; na wɔyɛɛ saa.

12Afei ahɔhoɔ no a wɔtete abandenden a Bakides asisie no dwaneeɛ;

13wɔn nyinaa gyaa wɔn beaeɛ hɔ san kɔɔ wɔn nsase so.

14Bet-sur nko ara mu na ebinom a wɔapo mmara ne ahyɛdeɛ no kaeɛ, ɛfiri sɛ na abɛyɛ dwanekɔbea.

15Afei Ɔhene Aleksandro tee bɔhyɛ a Demetrius asoma de akɔma Yonatan no nyinaa, na ɔtee sa a na Yonatan ne ne nuanom atuo, mmaninneɛ a na wɔayɛ, ne amanehunu a wɔafa mu.

16Enti ɔkaa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa yi nsɛso anaa? Mommra ɛ, yɛbɛyɛ no yɛn adamfo ne yɛn yɔnko.

17Na ɔtwerɛɛ krataa de soma kɔmaa no, na emu nsɛm ne sɛ:

Yonatan bɛyɛ Ɔsɔfo Panin

18Ɔhene Aleksandro de kɔma ne nua Yonatan, mekyea wo.

19Yɛate wo nka, sɛ woyɛ ɔkofo katakyie a wofata sɛ woyɛ yɛn yɔnko.

20Ɛno nti, yɛayi wo sɛ, ɛnnɛ da yi bɛyɛ ɔsɔfo panin wɔ wo man mu; wɔbɛfrɛ wo ɔhene Adamfo, na ɛsɛ sɛ wogyina yɛn afa na wo ne yɛn nya ayɔnkofa. Ɔsan nso kɔmaa no atadeɛ beredum ne sika ahenkyɛ.

21Ɛno nti Yonatan hyɛɛ atadeɛ kronkron no wɔ afe ahansia aduosia mu, bosome a ɛtɔ so nson, wɔ sese afahyɛ no mu, na ɔfaa akofoɔ maa wɔn akodeɛ bebree.

22Ɛberɛ a Demetrius tee saa nsɛm yi no, ɛhaa no maa ɔkaa sɛ:

23Ɛdeɛn na yɛayɛ yi? Aleksandro adi yɛn anim kan ɛne Yudafoɔ ayɛ ayɔnkoɔ de ahyɛ ne ho den.

24Me nso mɛtwerɛ wɔn nkuranhyɛ krataa na mahyɛ wɔn animuonyam ne akyɛdeɛ ho bɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn mmoa.

25Enti ɔtoo wɔn nkra wɔ nsɛm yi mu sɛ:

Demetrius krataa a ɔde kɔma Yonatan

Ɔhene Demetrius de kɔma Yudafoɔ man, mekyea mo.

26Ɛsiane sɛ moadi nhyehyɛɛ a mo ne yɛn yɛeɛ na moakɔ so ara akora mo ne yɛn ayɔnkofa no, na moakɔ yɛn atamfoɔ afa nti, yɛate na yɛn ani agye.

27Afei monkɔ so ara nya yɛn mu gyidie, na yɛde papa bɛtua mo ka wɔ deɛ moyɛ ma yɛn no ho.

28Yɛbɛma mo banbɔ ne akyɛdeɛ bebree.

29Seesei mema wo ahofadie ne Yudafoɔ nyinaa fawohodie wɔ ɛtoɔ tua ne nkyene toɔ ne ahenkyɛ ɛtoɔ tua ho,

30 mu.

58Ɔhene Aleksandro hyiaa no, na Ptoleme de ne babaa Kleopatra maa no awareɛ, na wɔyɛɛ n’ayeforɔhyia wɔ Ptolemais wɔ animuonyam kɛseɛ mu, sɛdeɛ ahemfo yɛ no.

59Afei Ɔhene Aleksandro twerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔmmra ne no mmɛhyia.

60Enti ɔde animuonyam kɛseɛ kɔɔ Ptolemais hɔ kɔhyiaa ahemfo baanu no; ɔde sika, dwetɛ ne akyɛdeɛ bebree maa wɔn ne wɔn Nnamfonom, na ɔnyaa wɔn anim adom.

61Nnipa bi a wɔyɛ mansotwefoɔ, mekyerɛ atuatefoɔ boaa wɔn ho ano firii Israel, baeɛ bɛtiaa no totoo n’ano; nanso ɔhene antie wɔn.

62Ɔhene hyɛɛ sɛ wɔnyi Yonatan atadeɛ na wɔmfa beredum atadeɛ nhyɛ no, na wɔyɛɛ saa.

63Ɔhene san de no tenaa ne nkyɛn; na ɔka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mo ne no nkɔ kuro no mfimfini hɔ na mompae mu nka sɛ, ma obiara mfa asɛm biara mmɛbɔ no kwaadu, na mma obiara nhyɛ no abufuo biribiara nti.

64Ɛberɛ a n’anototofoɔ no hunuu animuonyam a wɔahyɛ no no, sɛdeɛ na dawurubɔ no teɛ no, na ɔhunuu sɛ wɔde beredum atadeɛ ahyɛ no nti, wɔn nyinaa dwaneeɛ.

65Saa nti, ɔhene hyɛɛ no animuonyam na ɔde no kaa ne Nnamfonom atitire no ho, na ɔyɛɛ no ɔsahene ne amrado wɔ mantam no so.

66Na Yonatan de asomdwoeɛ ne anigyeɛ san kɔɔ Yerusalem.

Yonatan di Apolonius so nkonim

67Afe ɔha aduosia nnum mu no, Demetrius ba Demetrius firii Kreta baa ne nananom asase so.

68Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro teeɛ no, ɛhaa no pa ara na ɔsan kɔɔ Antiokia.

69Demetrius yii Apolonius, Koelesiria amrado, na ɔboaboaa akofoɔ pii ano na wɔkyeree nsraban wɔ Yamnia. Ɛnna afei ɔsoma maa wɔde nkra kɔmaa Ɔsɔfo Panin Yonatan sɛ:

70Wo nko ara ne deɛ wasɔre atia yɛn, na ama mayɛ adeseredeɛ ne aniwudeɛ ɛsiane wo nti. Adɛn nti na woafa tumi de atia yɛn wɔ nkokoɔ man no mu?

71Afei sɛ wowɔ awerɛhyɛmu wɔ w’akofoɔ no mu, siane bɛhyia yɛn wɔ asasetam no so na yɛmfa nsi ani wɔ hɔ, ɛfiri sɛ nkuro no ahoɔden taa m’akyi.

72Bisa na wɔnka nkyerɛ me nipaban nkyerɛ wo ne wɔn a wɔreboa yɛn no. Nnipa bɛka akyerɛ wo sɛ wontumi nnyina yɛn anim, ɛfiri sɛ wo nananom dwanee mprenu wɔ wɔn ara wɔn asase so.

73Na seesei worentumi nnyina m’apɔnkɔsotefoɔ ne asraafoɔ a wɔwɔ asasetam no so hɔ no, faako a ɔboɔ anaasɛ abosea, anaasɛ baabi a wɔdwane korɔ.

74Ɛberɛ a Yonatan tee Apolonius nsɛm yi no, ne bo fui. Ɔfaa mmarima mpem du na ɔsiim firii Yerusalem, na ne nua Simon hyiaa no sɛ ɔrebɛboa no.

75Ɔkyeree nsraban wɔ Yopa, nanso nnipa a wɔwɔ kuro no mu no totoo n’apono mu, ɛfiri sɛ na Apolonius wɔ bansifoɔ wɔ Yopa.

76Enti wɔne wɔn koe, na nnipa a wɔwɔ kuro no mu no suroe na wɔbuee apono no, na Yonatan faa Yopa.

77Ɛberɛ a Apolonius teeɛ no, ɔfaa apɔnkɔsotefoɔ mpem mmiɛnsa ne asraafoɔ dɔm kɛseɛ, na ɔkɔɔ Asoto sɛdeɛ gyama ɔrekɔ akyiri no. Ɛberɛ korɔ no ara mu ɔkɔɔ asasetam no so, ɛfiri sɛ na ɔwɔ apɔnkɔsotefoɔ akofoɔ a ɔde ne werɛ ahyɛ mu.

78Yonatan tii no kɔɔ Asoto, na asraafoɔ no de bɔɔ ani.

79Afei na Apolonius de apɔnkɔsotefoɔ apem ahunta asie wɔ wɔn akyi.

80Yonatan hunuu sɛ wɔatɛ no wɔ n’akyi, ɛfiri sɛ wɔtwaa n’asraafoɔ no ho hyiae na wɔtotoo ne mmarima no agyan firi anɔpa kɔsii awiaberɛ.

81Nanso Yonatan mmarima no gyinaa pintinn sɛdeɛ na wahyɛ wɔn no, na ɔtamfo no apɔnkɔ no brɛeɛ.

82Ɛnna Simon pinii n’anim ne abansifoɔ kuo no bɛkoe (ɛfiri sɛ na apɔnkɔsotefoɔ no abrɛ); ɔhyɛɛ wɔn so maa wɔdwanee,

83na wɔbɔɔ apɔnkɔsotefoɔ no hwetee wɔ asasetam no so hɔ. Wɔdwane kɔɔ Asoto na wɔhyɛnee Bet-dagon, wɔn abosomfie kɔsiee hɔ.

84Nanso Yonatan hyee Asoto ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa, na ɔfomm fae; na Dagon abosomfie hɔ deɛ, wɔn a wɔdwane kɔhuntaa hɔ no, wɔde ogya hyeeɛ.

85Nnipa a wɔwuu wɔ nkrantɛ ano ne wɔn a wɔhyee wɔn animono soɔ no ano sii mpem nwɔtwe.

86Afei Yonatan firii hɔ na ɔkɔkyeree nsra wɔ Askelon, na nnipa a wɔwɔ kuro mu hɔ no de anidie kɛseɛ bɛhyiaa no kwan.

87Ɔno ne wɔn a wɔka ne ho no de asadeɛ a ɛdɔɔso san baa Yerusalem.

88Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro tee nsɛm yi no, ɔhyɛɛ Yonatan animuonyam mmorosoɔ;

89na ɔsoma ma wɔde sika aboomu kɔmaa no sɛdeɛ na ɛyɛ amammerɛ a ɔyɛ ma Ɔhene nkurɔfoɔ no. Ɔsan nso de Ekron ne ɛho nsase maa no sɛ n’agyapadeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help