1 Yos 14.1 Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn,
2Num 35.2-8 na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma yɛn nkuro ntena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase mma yɛn mmoa.
3Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu asɛm so de wɔn agyapadeɛ mu nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ.
4Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa.
5Na Kohatfoɔ a wɔkaeɛ no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuo mmusua ne Dan abusuakuo ne Manase abusuakuo fa no mu nkuro du.
6Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa.
7Merari mma sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnyaa Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu.
8Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.
9Na wɔde Yudafoɔ abusuakuo ne Simeonfoɔ abusuakuo mu nkuro a wɔbɛbobɔ din yi mae.
10Na ɛba maa Aaron mma a wɔfiri Kohatfoɔ mmusua mu, Lewifoɔ no mu no, ɛfiri sɛ wɔn deɛ ne ntonto a ɛdi kan no.
11Yos 20.7 Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.
12Yos 14.14; 15.13 Na kuro no ho mfofowa ne nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb agyapadeɛ.
13Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase,
14ne Yatir ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Estemoa ne ɛho asase,
15ne Holon ne ɛho asase ne Debir ne ɛho asase,
161 Sa 6.12, 15 ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuo mmienu yi mu nkuro nkron.
17Na Benyamin abusuakuo mu deɛ, wɔde Gibeon ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Geba ne ɛho asase,
18Yer 1.1 ne Anatot ne ɛho asase, ne Almon ne ɛho asase mae: Nkuro nnan.
19Aaron mma asɔfoɔ no nkuro nyinaa yɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase.
20Na Kehat mma Lewifoɔ no, Kehat mma nkaeɛ no mmusua no, wɔn ntonto nkuro firii Efraim abusuakuo mu.
21Yos 20.7 Wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn, Efraim bepɔ so, ne Geser ne ɛho mmoa adidibea nsase,
22ne Kibsaim ne ɛho asase ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkuro nnan;
23ne Dan abusuakuo mu Elteke ne ɛho mmoa adidibea nsase, Gibeton ne ɛho asase,
24Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro nnan;
25ne Manase abusuakuo fa no mu, Taanak ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro mmienu.
26Nkuro a ɛyɛɛ Kehat mma nkaeɛ no mmusua no deɛ nyinaa yɛ nkuro du ne ɛho mmoa adidibea nsase.
27 Yos 20.8 Na Gerson mma a wɔfiri Lewifoɔ mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuo fa no mu nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Golan wɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Beestra ne ɛho asase: Nkuro mmienu;
28ne Isakar abusuakuo mu, Kision ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase,
29Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkuro nnan,
30ne Aser abusuakuo mu: Misal ne ɛho mmoa adidibea nsase, Abdon ne ɛho asase,
31Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkuro nnan;
32Yos 20.7 ne Naftali abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkuro mmiɛnsa.
33Gersonfoɔ nkuro nyinaa, sɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛyɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase.
34Merari mma, Lewifoɔ nkaeɛ no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuo mu: Yokneam ne ɛho mmoa adidibea nsase, Karta ne ɛho asase,
35Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkuro nnan;
36Yos 20.8 ne Ruben abusuakuo mu: Beser ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yahas ne ɛho asase,
37Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkuro nnan;
38Yos 20.8 ne Gad abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase, Mahanaim ne ɛho asase,
39Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkuro nnan.
40Merari mma mmusua ahodoɔ a wɔaka Lewifoɔ mmusua mu no nkuro nyinaa, wɔn ntonto deɛ ne nkuro dummienu.
41Lewifoɔ nkuro a wɔnyaa no Israelfoɔ agyapadeɛ mu no nyinaa yɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase.
42Nkuro yi mu biara wɔ mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia, saa na ɛteɛ nkuro yi nyinaa ho.
Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so43 Gye 12.7 Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn nananom no nyinaa maa Israel, na wɔdii so tenaa so.
44Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.
45Yos 23.14 Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fie no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.