1Sɛ AWURADE seɛ nie:
Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee,
na me nkwagyeɛ reyɛ aba,
na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi.
2 Yes 58.13 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei,
ne onipa ba a ɔkura mu no,
deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi
na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.
3 Yes 14.1; Deut 23.1 Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma no nnka sɛ:
Tuo na AWURADE bɛtu me afiri ne man mu;
na mma ayitotoni nso nnka sɛ:
Hwɛ, me deɛ, meyɛ duawuiɛ.
4Na sɛ AWURADE ka nie:
Ayitotofoɔ a wɔdi me homeda
na wɔyi adeɛ a ɛsɔ m’ani
na wɔkura m’apam mu no,
5mɛma wɔn me fie ne m’afasuo mu
nkaeɛ dum ne din
a ɛyɛ sene mmabanin ne mmammaa;
daa din a wɔrentwa ntwene
na mede bɛma wɔn.
6Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ
wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din,
na wɔabɛyɛ no nkoa no,
obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a
wɔkura n’apam mu no,
7 Mar 11.17 mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so,
na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie,
wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ
bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so;
na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie
ama aman nyinaa.
8 Yoh 10.16 AWURADE Nyankopɔn
a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie:
Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae
wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.
Ɔman no sohwɛfoɔ asotwe9Wiram mmoadoma nyinaa, mommra mmɛdidi hamham,
kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa.
10 Yes 52.8; Hes 3.17; 33.2-9 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,
wɔn nyinaa nnim de;
wɔn nyinaa yɛ akraman mum,
wɔntumi mmobɔ mu;
wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna.
11 Yer 6.13 Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ,
wɔnnim ɔmeeɛ.
Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu,
wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so,
obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara.
12 Mmb 23.35 Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa,
na yɛnwe nsaden,
na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,
ɛbɛso aboro so pii.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
