1 Yohane 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Monsɔ ahonhom no nhwɛ

1 1 Te 5.21 Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.

2Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.

31 Yoh 2.18 Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfiri Nyankopɔn mu. Na yei ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no deɛ.

4Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.

5Yoh 15.19 Wɔn deɛ, wɔfiri wiase. Yei nti na wɔfiri wiase kasa, na wiase tie wɔn.

6Yoh 8.47 Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ

7Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na ɔnim Onyankopɔn.

8Deɛ ɔnnɔ no, nhunuu Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔdɔ.

9Yoh 3.16 Yei mu na Nyankopɔn dɔ no yii ne ho adie wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.

101 Yoh 2.2 Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.

11 Mat 18.33 Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.

12Yoh 1.18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.

131 Yoh 3.24 Yei mu na yɛhunu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom.

14Yoh 3.17 Na yɛahunu na yɛdi adanseɛ sɛ, Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.

151 Yoh 5.5 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.

161 Yoh 4.8 Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu.

17 1 Yoh 2.28 Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no.

18Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛdi mu no pam ehu, ɛfiri sɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na deɛ ɔsuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.

19Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.

20Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?

21Mar 12.29-31 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help