Mmebusɛm 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔkasa mu nyansa ne nkwaseasɛm

1 Mmb 15.16-17; 16.8 Kɔntɔmoa wesee a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ

sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ayɛ no ma.

2Akoa nimdefoɔ bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so,

na ɔbɛnya agyapadeɛ mu kyɛfa wɔ anuanom mu.

3 Dwom 66.10 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,

na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.

4Ɔdebɔneyɛni tie ahuhudeɛ ano,

ɔtorofoɔ yɛ aso ma mmusubɔ tɛkyerɛma.

5 Mmb 14.31 Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase,

deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

6 Dwom 128.6 Nkɔkoraa abotire ne mma mma,

na mma animuonyam ne wɔn agyanom.

7Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie,

na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.

8Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so,

baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.

9Deɛ ɔkata mfomsoɔ soɔ no hwehwɛ ɔdɔ,

na deɛ ɔti asɛm mu no tete nnamfo ntam.

10Nkaanim hyɛne nhunumufoɔ mu

kyɛne sɛ wɔbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.

11Atuateɛ nko na ɔbɔne rehwehwɛ,

na wɔbɛsoma ɔbɔfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom,

na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

13 Dwom 109.5 Deɛ ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no,

bɔne rempa ne fie da.

14Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue,

enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.

15 Yes 5.23 Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ no,

AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn baanu nyinaa.

16Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam,

sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire?

17 Mmb 18.24 Adamfo dɔ berɛ nyinaa mu,

na onua, wɔwoo no maa ahohiahia.

18 Mmb 6.1 Onipa a ɔnni tire na ɔdi akagyinamu,

na ɔdi ne ɔhɔhoɔ agyinamu.

19Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no pɛ mmarato,

deɛ ɔma ne dan ano korɔn mmorosoɔ no hwehwɛ n’ankasa ne pira.

20Akoma mu kontonkyifoɔ nhunu papa,

na tɛkyerɛma danedanefoɔ hwe bɔne mu.

21 Mmb 10.1 Deɛ ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhoɔ,

na anigyeɛ biara nni hɔ mma ogyegyentwie agya.

22 Mmb 15.13, 15 Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa,

na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.

23Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam,

sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.

24 Mmb 4.25 Nyansa wɔ nhunumufoɔ anim,

na ɔkwasea deɛ, n’ani da asase ano nohoa.

25 Mmb 17.21 Ɔba kwasea yɛ n’agya awerɛhoɔ

ne ne na a ɔwoo no bɔnwono.

26Sɛ wɔgye ɔteneneeni hɔ mmaratodeɛ a, ɛnyɛ,

na sɛ wɔhwe adɛɛfoɔ a, ɛnyɛ koraa.

27 Mmb 10.19; Yak 1.19 Deɛ ɔdodo ne nsɛm ho hunu nimdeɛ,

na deɛ ne honhom dwoɔ yɛ nhunumu nipa.

28 Hiob 13.5 Ogyimifoɔ mpo, ɔmua n’ano a, wɔbu no nyansafoɔ,

aane, deɛ ɔka n’ano tom no, ɔyɛ nhunumuni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help