1 Samuel NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUSamuel nwoma a ɛdi kan no ka Israel abakɔsɛm a ɛfiri akannifoɔ no berɛ so de kɔsi ahennie berɛ no ho asɛm. Nsakyeraeɛ a ɛbaa Israelman no abrabɔ mu no gyina nnipa mmiɛnsa titire bi so. Deɛ ɔdi kan ne Samuel a ɔne Israel akannifoɔ atitire no mu deɛ ɔtwa toɔ koraa. Ɔhene Saulo, Israel hene a ɔdi kan koraa. Deɛ ɔtwa toɔ ne Ɔhene Dawid, ne mmarimasɛm a ɔdiiɛ ansa na ɔbɛdii hene firii aseɛ wɔ Samuel ne Saulo berɛ so. Nwoma yi mu nsɛntitire no te sɛ deɛ Apam Dada no mu abakɔsɛm ahodoɔ no teɛ no ara pɛ. Ɛkyerɛ sɛ, nokorɛ a wɔdii Onyankopɔn no de nkɔsoɔ ba, na asoɔden nso de ɔhaw ba. Yei da adi pefee wɔ nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Eli no mu sɛ, “na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.” (2.30)Nwoma no ka akyinnyeɛ a ɛbaa ahennie a wɔhyɛɛ aseɛ Israelman no mu no ho asɛm. Wɔbuu no sɛ anka Onyankopɔn nko na ɔyɛ Israel hene, nanso ɛberɛ a ɔman no peree sɛ wɔbɛnya wɔn ankasa hene no, Onyankopɔn maa wɔn ɔhene. Ɛwom sɛ, ɛbaa no saa deɛ, nanso nokwasɛm a ɛwɔ mu ne sɛ na ɔhene no ne ɔman no nyinaa hyɛ Onyankopɔn tumi ne n’atemmuo ase (2.7-10). Onyankopɔn mmara nsɛm so na wɔhwɛ kyerɛɛ ɔman ba biara, ɔdefoɔ o, ohiani o, deɛ ɛsɛ no.EMU NSƐMIsrael kannifoɔ Samuel 1.1—7.17Saulo bɛdii hene 8.1—10.27Saulo ahennie mu mfeɛ a ɛdi kan 11.1—15.35Dawid ne Saulo 16.1—30.31Saulo ne ne mma wuo 31.1-13
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help