Nnwom 126 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwaƆsoroforɔ dwom.

1 Dwom 14.7 Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.

2Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma.

Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ:

AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.

3AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn,

yɛn ani agye.

4AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra

sɛ anafoɔ fam asase so asutene.

5 Mat 5.4 Wɔn a wɔde nisuo guo

de ahurisie bɛtwa.

6 Yes 35.10 Sɛ mpo wɔde nisuo nenam

kura aba a wɔguo no a,

wɔde ahurisie bɛkura

n’ayemfi aba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help