Yudit 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Asomdwoeɛ ho Nkotosrɛ

1Ɛno nti wɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔsrɛ asomdwoeɛ, na wɔkaa sɛ:

2Hwɛ, yɛn Nebukadnessar, Ɔhene Kɛseɛ no nkoa, yɛtwa hwe wo nan ase. Deɛ wopɛ biara, na yɛ yɛn.

3Hwɛ yɛn adan ne yɛn nsase nyinaa, ne yɛn ayuo mfuo ne yɛn nnwan ne anantwie, ne yɛn nnwammuo ne yɛn ntomadan gu w’anim; yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ yɛn biara.

4Yɛn nkuro ne wɔn a wɔtete mu nyinaa yɛ wo nkoa; bra na bɛyɛ yɛn deɛ wopɛ biara.

5Mmarima no baa Holoferne nkyɛn bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

6Enti ɔsiane kɔɔ mpoano, ɔno ne n’asraafoɔ, na ɔde bansifoɔ kɔtenatenaa nkuro a wɔatoto ho fasuo na ɔyiyii mmarima firii wɔn mu ne wɔn yɛɛ apam.

7Na saa nkurɔfoɔ yi ne wɔn a wɔwɔ aman a ɛdeda wɔn nkyɛnkyɛn nyinaa de nhwiren, asa ne akasaa de hyiaa no kwan.

8Eks 34.13; 2 Be 17.6 Nanso ɔbubuu wɔn abosomfie na ɔtwitwaa wɔn abosom nnua; ɛfiri sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnsɛe asase no so abosom nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na aman nyinaa bɛsom Nebukadnessar nkutoo, na wɔn kasa ne mmusuakuo nyinaa mfrɛ no sɛ ɔyɛ nyame.

9Ɛnna enti ɔbaa Esdraelon a ɛbɛn Dotan a ɛda Yudea kokoɔ kɛseɛ no anim no;

10ɔkyeree ne nsraban wɔ Geba ne Seketopolis ntam, na ɔtenaa hɔ ara bosome no mu nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛgye ahosiesie nnoɔma no nyinaa ama n’asraafoɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help