1 2 Be 9.1-28 Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,
2na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.
3Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhunta ɔhene a wantumi ammua no.
4Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa nyinaa, ne efie a wasie no,
5ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’aforeɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.
6Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho nsɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ;
7na mannye nsɛm no anni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani abɛhunu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa mpo; wo nyansa ne w’ahonyadeɛ sene deɛ meteeɛ no.
8Luk 10.23 Nhyira ne wo yerenom, nhyira ne w’asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no.
91 Ah 5.7 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.
10Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no.
11 1 Ah 9.27-28 Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae.
12Na ɔhene de samfona nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie aforoeɛ ne nsankuo ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Saa samfona nnua bi amma bio, na wɔanhunu saa bio de bɛsi nnɛ.
13Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no deɛ ɔbisaeɛ nyinaa; ɛsono deɛ ɛfiri Ɔhene Salomo ankasa akoma mu a ɔde maa no. Na ɔsane sii mu kɔɔ n’asase so, ɔno ne n’asomfoɔ.
Salomo ahonyadeɛ ne n’animuonyam14Sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,
15ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam.
161 Ah 14.26 Na Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu baako biara ho;
17na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.
18Na ɔhene yɛɛ asonse ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho.
19Adwa no wɔ ntwedeɛ nsia, na akyire na nantwie tiri wɔ; na adwa no tiri a ɛwɔ akyire yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho.
20Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie biara mu.
21Na Ɔhene Salomo nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ Dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa. Na dwetɛ, nni mu, ɛfiri sɛ na wɔmmu no ade titire bi wɔ Salomo berɛ so.
22Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.
23Na Ɔhene Salomo yɛɛ kɛse sene asase so ahemfo nyinaa, ahodeɛ ne nyansa fam.
24Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no.
25Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.
26 2 Be 1.14-17 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.
27Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no.
28Na Salomo kra n’apɔnkɔ firi Misraim ne Kue, deɛ ɔhene adwadifoɔ asafo kɔtotɔ apɔnkɔ kuo, sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ, de ba.
29Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.