Hesekiel 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔman no sɛeɛ

1Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔdwesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu.

2Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.

3Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano.

4Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so.

5Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.

6Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:

7Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ modii asɛmmɔne sene amanaman a wɔatwa mo ho ahyia, na moannante m’ahyɛdeɛ mu, na moayɛ m’atemmudeɛ, na moanyɛ sɛ amanaman a wɔtwa mo ho hyia no atemmudeɛ mpo no,

8ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛbu wo atɛn, amanaman no anim.

9Na ɛsiane w’akyiwadeɛ nyinaa nti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ ne nsɛsoɔ bio.

10Deut 28.53-55; Kwa 4.10 Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano.

11Hes 8.6-18 Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.

12Hes 5.2 Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.

13 Hes 16.42 Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.

14Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim.

15Yer 24.9 Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka.

16Deut 32.23; Hes 4.16 Ɛberɛ nso a mede ɛkɔm agyan bɔne bɛtoto wɔn ama ɔsɛeɛ aba no, deɛ mɛtoto sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɛkɔm adɔɔso mo so, na mabu mo paanoo dua no.

17Hes 14.21 Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help