Yesaia 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkwagyeɛ so aseda dwom

1Ɛda no na wobɛka sɛ:

Meda wo ase, Ao AWURADE,

sɛ wo bo fuu me mpo a,

w’abufuo no asane,

na woakyekyere me werɛ.

2 Dwom 56.4; Eks 15.2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ.

Mɛtwere no, na mensuro,

na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom,

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Sak 13.1; Dwom 46.4 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

41 Be 16.8; Dwom 105.1 Na da no mobɛka sɛ:

Monna AWURADE ase;

mommɔ ne din.

Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.

Monka sɛ wɔama ne din so!

5Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ;

momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

6Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,

na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help